Exodus
25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose+ sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ nkasa na wɔnyi ntoboa mma me. Monnye ntoboa mfiri obiara a n’akoma ka no nkyɛn mma me.+ 3 Ntoboa a mobɛgye afiri wɔn nkyɛn nie: sika kɔkɔɔ,+ dwetɛ,+ ne kɔbere,+ 4 ne ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan, nwera pa, ne abirekyie nwi,+ 5 ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, ne sukraman nwoma, ne ɔkanto dua.+ 6 Afei nso monnye ngo a wɔde bɛgu kanea+ mu, ne balsam+ ngo a wɔde bɛyɛ ɔsra ngo+ ne aduhwam,+ 7 ne sohamboɔ ne abohene foforɔ a wɔde bɛsisi asɔfotadeɛ+ ne nkataboɔ+ mu. 8 Na wɔnyɛ kronkronbea mma me, ɛfiri sɛ mɛtena wɔn mfimfini.+ 9 Sɛdeɛ ntomadan no ne emu nneɛma bɛyɛ na merebɛkyerɛ woɔ yi, enti monyɛ no saa ara.+
10 “Ma wɔmfa ɔkanto dua+ nyɛ Adaka. Ne ntwemu nyɛ basafa mmienu ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, ne tenten basafa baako ne fã. 11 Fa sika amapa+ dura emu ne ɛho nyinaa, na fa sika no bi toto ano hyia.+ 12 Fa sika yɛ nkawa nnan tuatua ne nan nnan no ho; nkawa mmienu wɔ benkum na mmienu nso wɔ nifa.+ 13 Afei fa ɔkanto dua sene nnua nteaanteaa na fa sika dura ho.+ 14 Na fa nnua no hyehyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛnmu na wɔde asoa Adaka no. 15 Ma nnua no nhyehyɛ Adaka no ho nkawa no mu. Ɛnsɛ sɛ wɔyiyi firi mu.+ 16 Afei fa adanseɛ a mede bɛma woɔ no to Adaka no mu.+
17 “Fa sika amapa yɛ ne mmuasoɔ. Ne ntwemu nyɛ basafa mmienu ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã.+ 18 Afei boro sika yɛ kerubim mmienu sisi mmuasoɔ no ano ne ano.+ 19 Yɛ kerubim baako si benkum na yɛ baako si nifa.+ Yɛ kerubim no sisi mmuasoɔ no afã mmienu no. 20 Na kerubim no ntrɛ wɔn ntaban mu nkɔ soro, na ɛnkata adaka no mmuasoɔ no so. Kerubim no nni nhwɛanimu+ na wɔn anim nkyerɛ mmuasoɔ no. 21 Afei fa adanseɛ a mede bɛma woɔ no to Adaka no mu na fa mmuasoɔ+ no kata Adaka no so. 22 Mɛyi me ho adi akyerɛ wo hɔ, na me ne wo bɛkasa mmuasoɔ+ no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ adanseɛ adaka no soɔ no ntam. Ɛhɔ na mɛkyerɛ wo ahyɛdeɛ a mede bɛma Israel nyinaa.+
23 “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɛpono;+ ne ntwemu nyɛ basafa mmienu, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, ne tenten basafa baako ne fã. 24 Fa sika amapa dura ho nyinaa, na fa sika no bi toto ano hyia.+ 25 Na yɛ mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam twa ho hyia, na fa sika di adwini twa mfemfamho no ho hyia.+ 26 Na gu sika nkawa nnan, na fa nkawa no hyehyɛ ntwea nnan no ho, baabi a ne nan nnan no sisie no.+ 27 Ma nkawa no mmɛn mfemfamho a wɔde atwa ɛpono no ho ahyia no. Wɔde nnua nteaanteaa bɛhyehyɛ nkawa no mu asoa pono no.+ 28 Fa ɔkanto dua yɛ nnua nteaanteaa no na fa sika dura ho, na wɔmfa nsoa pono no.+
29 “Afei yɛ nyowa ne nkuruwa ne mpɔreɛ ne nyaawa a wɔde bɛhwie afɔrebɔ nsã fa sisi so. Fa sika amapa yɛ ne nyinaa.+ 30 Na fa paanoo a wɔde ba m’anim no si pono no so daa.+
31 “Bio nso fa sika amapa yɛ kaneadua. Fa adeɛ boro+ ma no nnya nan, nkorabata, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. 32 Kaneadua no nnya nkorabata nsia, nkorabata mmiɛnsa wɔ nifa na mmiɛnsa wɔ benkum.+ 33 Ɛfã baako wɔ nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a ɛdidi ebiara akyi. Na ɛfã a aka no nso wɔ nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a ɛdidi ebiara akyi.+ Saa na yɛ nkorabata nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no. 34 Nkuruwa nnan a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren wɔ kaneadua no ankasa ho. Na funuma ne nhwiren a ɛdidi ebiara akyi nso wɔ dua no ho.+ 35 Baabi a nkorabata mmienu pue firi kaneadua no ho no, funuma wɔ aseɛ; na baabi a nkorabata mmienu foforɔ pue no, funuma wɔ aseɛ; na baabi a nkorabata mmienu bio pue no, funuma wɔ aseɛ. Enti ɛwowɔ nkorabata nsia a ɛwɔ kaneadua no ho no nyinaa ase.+ 36 Funuma ne nkorabata no nyinaa yɛ kaneadua no fã. Enti ne nyinaa yɛ sika amapa baako a wɔde adeɛ aboro.+ 37 Yɛ nkanea nson sisi so, na sɔ ma no nhyerɛn kaneadua no anim.+ 38 Na fa sika amapa yɛ ɛho afagya ne egya nkukuwa no.+ 39 Fa sika amapa dwetikɛseɛ baako yɛ yei ne ɛho nneɛma nyinaa. 40 Na hwɛ sɛ wobɛyɛ no sɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no.+