Exodus
26 “Fa nwera a wɔanwene ne ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan+ nwene ntoma du na fa yɛ ntomadan+ no. Ma wɔnnwene Kerubim+ wɔ ntoma no mu. 2 Ntoma no biara ntwemu nyɛ basafa aduonu nwɔtwe na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa nnan. Ma ntoma+ no nyinaa nsusuiɛ nyɛ pɛ. 3 Ka ntoma nnum bom, baako ntoa baako so, na ka nnum a aka no nso bom, baako ntoa baako so.+ 4 Afei fa ahoma bruu yɛ nhankra toto ntoma a wɔaka abom baako no ano, na yɛ saa ara wɔ ntoma foforɔ a wɔaka abom baako no nso ano, baabi a wɔbɛka mmienu no asi animu.+ 5 Yɛ nhankra aduonum wɔ ntoma baako ano, na yɛ aduonum wɔ ntoma a aka no nso ano, baabi a wɔbɛka mmienu no asi animu no; enti hankra ne hankra bɛdi nhwɛanimu.+ 6 Na fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa aduonum fa sosɔ ntoma mmienu no mu ma no nyɛ ntomadan+ baako.
7 “Afei fa abirekyie nwi+ yɛ ntoma dubaako a wode bɛkata ntomadan no soɔ. 8 Ma ntoma no biara ntwemu nyɛ basafa+ aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa nnan. Ma ntoma dubaako no nyinaa kɛseɛ nyɛ pɛ. 9 Ka ntoma nnum bom yɛ no baako na ka nsia a aka no nso bom yɛ no baako.+ Bu deɛ ɛtɔ so nsia no to so wɔ ntomadan no anim. 10 Afei yɛ nhankra aduonum toto ntoma a wɔaka abom baako ano, na yɛ aduonum wɔ ntoma a aka no nso ano, baabi a wɔbɛtumi aka mmienu no asi animu. 11 Na fa kɔbere+ yɛ nkawa aduonum fa hyehyɛ nhankra no mu na ka ntoma mmienu no bom ma no nyɛ baako.+ 12 Na ntoma no nkaeɛ a ɛbɛboro soɔ no deɛ, ma deɛ aka no fã nsensɛn ntomadan no akyi. 13 Na ntoma a ɛboro soɔ no basafa baako ngu ntomadan no benkum na basafa baako nso ngu nifa. Ma no nsensɛn ntomadan no nkyɛnmu, na ɛnkata n’afanu nyinaa so.
14 “Afei fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ nkatasoɔ, na fa sukraman nwoma nso yɛ nkatasoɔ foforɔ gu so.
15 “Na sene ɔkanto nnua fa sisi+ ntomadan no anoano. 16 Ma nnua no biara tenten nyɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã. 17 Yɛ biribi te sɛ mpɛɛwa mmienu tuatua dua biara ase ma no nsesa so. Yɛ ntomadan no nnua no nyinaa saa ara. 18 Na fa nnua aduonu sisi ntomadan no fã a ɛhwɛ Negeb, anafoɔ fam no.
19 “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ+ aduanan hyehyɛ nnua aduonu no ase. Ɛsiane sɛ dua biara wɔ mpɛɛwa mmienu nti, wɔde nnyinasoɔ mmienu bɛhyɛ dua baako ase na wɔde mmienu ahyehyɛ nnua a aka no biara ase. 20 Na fa nnua aduonu nso sisi+ ntomadan no fã a ɛhwɛ atifi fam no anim, 21 na fa dwetɛ yɛ nnua no nnyinasoɔ aduanan. Dua baako wɔ nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no biara nso wɔ nnyinasoɔ mmienu.+ 22 Na fa nnua nsia sisi ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no.+ 23 Na fa nnua mmienu sisi ntomadan no ntwea mmienu so+ wɔ n’akyi. 24 Fa adeɛ sɔ nnua mmienu no mu ma no nka mmɔ ho mfiri fam nkɔsi soro, kawa a ɛdi hɔ no so. Saa ara na yɛ nnua mmienu a ɛsisi ntomadan no ntwea mmienu soɔ no. 25 Enti ɛbɛyɛ nnua nwɔtwe ne nnyinasoɔ dunsia a wɔde dwetɛ ayɛ; dua biara nnyinasoɔ mmienu.
26 “Afei fa ɔkanto nnua nnum beabea+ ntomadan nnua no mu wɔ ɛfã baako, 27 na fa nnua nnum beabea mu wɔ ɛfã foforɔ. Na fa nnua nnum nso beabea ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam+ no. 28 Mmeamu a ɛwɔ mfimfini no nkura nnua no mu mfiri tire nkɔsi tire.
29 “Fa sika+ dura nnua no ne mmeamu no ho, na nkawa a mmeamu no hyehyɛ mu no nso, fa sika yɛ. 30 Si ntomadan no sɛdeɛ nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.+
31 “Fa ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera a wɔanwene yɛ ntwamutam,+ na wɔnnwene Kerubim+ wom. 32 Afei fa ɔkanto yɛ adum nnan a sika duradura ho, na fa sɛn so. Fa sika yɛ ɛho mpɛɛwa no, na fa adum no sisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so. 33 Fa ntwamutam no sɛn nkawa no ase na fa adanseɛ adaka+ no si akyire, na fa ntwamutam no kyɛ Kronkronbea+ no ne Kronkron mu Kronkronbea no mu.+ 34 Fa mmuasoɔ no kata adanseɛ adaka no so wɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ.
35 “Afei fa pono no si ntwamutam no anim wɔ ntomadan no atifi, na fa kaneadua+ no si anafoɔ. Ɛpono no ne kaneadua no nni nhwɛanimu. 36 Fa ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera a wɔanwene nwene ntoma sɛn+ ntomadan no ano. 37 Na fa ɔkanto yɛ adum nnum na fa sika dura ho. Bio nso fa sika yɛ ɛho mpɛɛwa no, na fa kɔbere yɛ nnyinasoɔ nnum a wode adum no bɛsisi soɔ. Afei fa ntoma no sensɛn so.