Exodus
26 “Nwene ntoma du fa yɛ ɔsom ntomadan+ no. Nneɛma a wode bɛyɛ saa ntoma du no ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera, ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ. Ma wɔnnwene kerubim+ wɔ ntoma no biara mu. 2 Ma ntoma no mu biara tenten nyɛ basafa* 28, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ɛsɛ sɛ ntoma no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ.+ 3 Keka ntoma nnum si animu ma baako ntoa baako so, na keka nnum a aka no nso si animu ma baako ntoa baako so. 4 Afei fa ahoma bruu yɛ nhankra toto ntoma a wɔakeka asi animu no baako ano, na yɛ saa ara wɔ ntoma a wɔakeka asi animu baako a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka mmienu no abom. 5 Yɛ nhankra 50 wɔ ntoma no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka mmienu no abom; enti baabi a nhankra no wɔ no bɛdi nhwɛanimu. 6 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nnadeɛ nketewa 50 fa sosɔ ntoma mmienu no mu na ɛmmom baako.+
7 “Afei fa apɔnkye nwi+ yɛ ntoma 11 a wode bɛkata ɔsom ntomadan no so.+ 8 Ma ntoma no mu biara tenten nyɛ basafa 30, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ma ntoma 11 no nyinaa kɛseɛ nyɛ pɛ. 9 Keka ntoma nnum si animu yɛ no ntoma baako, na ka nsia a aka no nso si animu yɛ no baako. Deɛ ɛtɔ so nsia no, bu to so mmienu wɔ ntomadan no anim. 10 Afei yɛ nhankra 50 toto ntoma a wɔaka abom no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka mmienu no abom. 11 Fa kɔbere yɛ nnadeɛ nketewa 50 fa hyehyɛ nhankra no mu, na ka ntoma mmienu no bom ma ɛnyɛ baako. 12 Ntoma no fã a ɛbɛboro so no deɛ, ma no nsensɛn hɔ. Ntoma a ɛbɛka no, emu fã bɛsensɛn ɔsom ntomadan no akyi. 13 Ntoma a ɛboro so no, ma emu basafa baako ngu ɔsom ntomadan no benkum na basafa baako nso ngu nifa, na ɛnkata n’afanu nyinaa.
14 “Afei fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ nkatasoɔ, na fa sukraman* nwoma nso yɛ nkatasoɔ foforɔ gu so.+
15 “Paapae ɔkanto nnua fa sisi hɔ ma no nyɛ ɔsom ntomadan no nnua.+ 16 Ma nnua no biara tenten nyɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã. 17 Yɛ pɔ mmienu a ɛsa so wɔ nnua no biara ase. Nnua a mode bɛsisi hɔ ama ɔsom ntomadan no, yɛ ne nyinaa saa ara. 18 Fa nnua no mu 20 sisi ɔsom ntomadan no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no.
19 “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ+ 40 a wode nnua 20 no bɛsisi so. Ntomadan nnua no biara bɛnya pɔ mmienu, na wɔde nnyinasoɔ mmienu bɛhyɛ baako ase, na wɔde mmienu mmienu ahyehyɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 20 Fa nnua 20 nso sisi ɔsom ntomadan no fã nohoa a ɛhwɛ atifi fam no, 21 na fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ 40 a nnua no bɛsisi so. Ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu. 22 Ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no nso, wode nnua no nsia bɛsisi hɔ.+ 23 Wobɛyɛ ntomadan nnua no mmienu asisi ɔsom ntomadan no ntwea mmienu so wɔ akyire. 24 Ka bɔ so mmienu firi fam kɔsi soro ma no nhyia wɔ baabi a kawa a ɛdi kan no wɔ no. Saa ara na wobɛyɛ mmienu no nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ ntomadan no ntwea mmienu no. 25 Enti ɛbɛyɛ nnua nwɔtwe ne dwetɛ nnyinasoɔ 16; ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ.
26 “Afei fa ɔkanto nnua yɛ mmeamu nnum beabea ntomadan nnua no mu wɔ ɛfã baako,+ 27 fa mmeamu nnum beabea nnua no mu wɔ ɛfã foforɔ, na fa mmeamu nnum nso beabea ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no. 28 Mmeamu a ɛwɔ ntomadan nnua no mfimfini no deɛ, ɛsɛ sɛ ɛtoam firi tire kɔsi tire.
29 “Fa sika kɔkɔɔ fa ntomadan nnua no ho,+ na fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no. Mmeamu no nso, fa sika kɔkɔɔ fa ho. 30 Ɔsom ntomadan no, yɛ no sɛdeɛ mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.+
31 “Fa ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛ ntwamutam,+ na wɔnnwene kerubim wom. 32 Afei fa ɔkanto yɛ adum nnan na fa sika kɔkɔɔ fa ho, na fa ntwamutam no sɛn so. Fa sika kɔkɔɔ yɛ adum no ho nsosɔmu, na fa adum no sisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so. 33 Fa ntwamutam no sɛn nnadeɛ nketewa no ase na fa Adanseɛ Adaka no+ si dan no mu. Ma ntwamutam no nkyɛ Kronkronbea+ no ne Kronkron Mu Kronkronbea+ no mu. 34 Fa mmuasoɔ no kata Adanseɛ Adaka no so wɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ.
35 “Afei fa pono no si ntwamutam no anim wɔ ɔsom ntomadan no atifi fam, na fa kaneadua+ no si anaafoɔ fam. Ma ɛpono no ne kaneadua no nni nhwɛanimu. 36 Fa ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwene ntoma* sɛn ntomadan no kwan ano.+ 37 Afei fa ɔkanto yɛ adum nnum a wode ntoma* no bɛsensɛn so; fa sika kɔkɔɔ fa adum no ho. Fa sika kɔkɔɔ yɛ ɛho nsosɔmu, na fa kɔbere yɛ nnyinasoɔ nnum a wode adum no bɛsisi so.