Exodus
27 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔrebukyia no;+ ma ne tenten nyɛ basafa* nnum, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa nnum. Ma n’afã nnan nyinaa nyɛ pɛ, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa mmiɛnsa.+ 2 Yɛ mmɛn+ wɔ ntwea nnan no so. Yɛ afɔrebukyia ne mmɛn no nyinaa bom. Fa kɔbere fa afɔrebukyia no ho.+ 3 Yɛ adeɛ a wɔde nsõ* bɛgu mu akɔto agu, na yɛ sofi, nkyɛnsee, adinam, ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu. Nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ho nyinaa, fa kɔbere yɛ.+ 4 Afei fa kɔbere yɛ nkantankantan, na fa bi yɛ nkawa nnan wɔ nkantankantan no ntwea nnan no so. 5 Fa nkantankantan no hyɛ afɔrebukyia no mu ma ɛnkɔduru mfimfini. 6 Fa ɔkanto sene nnua nteaanteaa ma afɔrebukyia no, na fa kɔbere fa ho. 7 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa a ɛwɔ n’afãnu no mu, na ɛno na wɔde bɛsoa.+ 8 Fa nnua yɛ no sɛ adaka a ɛnni mmuasoɔ. Yɛ no sɛdeɛ ɔkyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.+
9 “Yɛ adihɔ+ wɔ ɔsom ntomadan no ho. Fa ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛ ntoma sensɛn adihɔ no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no; ɛhɔ deɛ no, ma ne tenten nyɛ basafa 100.+ 10 Ɛbɛnya adum 20 ne kɔbere nnyinasoɔ 20. Fa dwetɛ yɛ adum no nsosɔmu ne ne nkawa. 11 Atifi fam nso, ntoma a ɛbɛsensɛn hɔ no tenten bɛyɛ basafa 100, na ɛbɛnya adum 20 ne kɔbere nnyinasoɔ 20 ne ɛho nsosɔmu ne ne nkawa a wɔde dwetɛ ayɛ. 12 Adihɔ no fã a ɛhwɛ atɔeɛ fam no, fa ntoma a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50 sɛn hɔ, na fa adum du sisi nnyinasoɔ du so. 13 Adihɔ no fã a ɛhwɛ apueeɛ fam no nso, ma ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50. 14 Fa ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn hɔ, na ma no nnya adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so+ wɔ ɛfã baako. 15 Ɛfã nohoa nso, fa ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn hɔ, na ma ɛnnya adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so.
16 “Adihɔ no kwan ano nso, fa ntoma* a ne tenten yɛ basafa 20 sɛn hɔ. Deɛ wode bɛyɛ nie: Ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera;+ ma ɛnnya adum nnan a ɛsisi nnyinasoɔ nnan so.+ 17 Adum a atwa adihɔ no ho ahyia nyinaa ho nsosɔmu ne ne nkawa nyinaa, fa dwetɛ yɛ. Adum no nnyinasoɔ deɛ, fa kɔbere yɛ.+ 18 Ma adihɔ no tenten nyɛ basafa 100+ na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50, na nwera pa a ɛsensɛn hɔ no, ɛfiri soro bɛsi fam no, ma no nyɛ basafa 5. Fa kɔbere yɛ adum no nnyinasoɔ. 19 Nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ɔsom ntomadan no mu nyinaa, ne deɛ wɔde bɛbobom atim fam nyinaa, fa kɔbere yɛ. Afei nso, deɛ wɔde bɛbobɔ adihɔ no ntoma mu atim fam nyinaa, fa kɔbere yɛ.+
20 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmma wo ngo korɔgyenn a ɛfiri ngodua mu; ɛno na wɔde bɛgu nkanea no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛsi so daa a ɛrennum.+ 21 Ahyiaeɛ ntomadan no nkanea a ɛwɔ ntwamutam no akyi wɔ Adanseɛ Adaka+ no abɔnten no, Aaron ne ne mma bɛhwɛ sɛ ɛsi so firi anwummerɛ kɔsi anɔpa wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ bɛdi so daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+