Exodus
28 “Wobɛyi wo nua Aaron ne ne mma afiri Israelfoɔ mu ama wɔasom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim;+ Aaron+ ne ne mma+ Nadab, Abihu,+ Eleasar, ne Itamar.+ 2 Pam ntaade kronkron ma wo nua Aaron sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ no animuonyam na ne ho ayɛ fɛ.+ 3 Wo ne adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa* a mama wɔn nyansa*+ no nyinaa nkasa. Ma wɔmpam ntaadeɛ mma Aaron na ne ho nte, na watumi asom sɛ ɔsɔfoɔ wɔ m’anim.
4 “Ntaadeɛ yi na wɔmpam: nkataboɔ,+ efɔd,*+ nsasini,+ ataade tenten a wɔanwene no damedame, abotire+ ne deɛ ɔde bɛbɔ ne mu.+ Ma wɔnyɛ ntaade kronkron yi mma wo nua Aaron ne ne mma, na wɔnsom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 5 Ma adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa no mfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ ntaadeɛ no.
6 “Efɔd no, ma wɔmfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ.+ 7 Wɔmfa adeɛ ntoto ne mmati mmienu no so mfa nka akyire ne animu no mmom. 8 Ɛsɛ sɛ wɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwene abɔsoɔ*+ a wɔde bɛbɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.
9 “Afei fa abohene tuntum+ mmienu na twerɛ* Israel mma no din+ wɔ so. 10 Twerɛ din nsia wɔ boɔ baako so, na twerɛ nsia a aka no nso wɔ boɔ baako no so; fa firi panin so kɔsi kumaa so. 11 Ma obi a ɔtumi twerɛ boɔ so ntwerɛ Israel mma no din wɔ aboɔ mmienu no so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so no.+ Fa sika kɔkɔɔ yɛ biribi te sɛ nsiaseɛ ketewa bi a wɔde aboɔ no biara bɛtare so. 12 Fa aboɔ mmienu no bobɔ efɔd no mmati so na wɔmfa nyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israel mma.+ Ma Aaron mfa wɔn din a ɛwɔ ne mmati mmienu so no mmra Yehowa anim, na ɛnyɛ nkaeɛ mma Israel mma. 13 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nsiaseɛ, 14 na fa sika kɔkɔɔ amapa nwene biribi te sɛ nhoma+ mmienu sosɔ nsiaseɛ+ no mu.
15 “Ma obi a ɔnim adeɛ nwene nyɛ atemmuo nkataboɔ+ no. Ma ɔmfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ no te sɛ efɔd no.+ 16 Sɛ wɔbu to so mmienu a, n’afã nnan nyinaa bɛyɛ pɛ; ma ne ntwemu nyɛ nsayam mmiɛnsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ nsayam mmiɛnsa. 17 Fa abohene tetare mu, na ɛnsesã so nnan. Ma nsãsoɔ a ɛdi kan no nyɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonoboɔ. 18 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu no bɛyɛ nsrammaboɔ, hoaboɔ, ne ahwehwɛboɔ. 19 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeboɔ, ne beredumboɔ. 20 Nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Fa sika kɔkɔɔ yɛ nsiaseɛ a wɔde abohene no biara bɛtare so. 21 Israel mma 12 no, twerɛ wɔn mu biara din wɔ ɛboɔ baako so. Twerɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so, na ebiara nnyina hɔ mma Israel mmusuakuo 12 no mu baako.
22 “Fa sika kɔkɔɔ amapa nwene biribi te sɛ ahoma toto nkataboɔ no anoano hyia.+ 23 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu a wode bɛhyehyɛ nkataboɔ no soro, na fa nkawa mmienu no hyehyɛ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 24 Fa nhoma mmienu a wode sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛ nkawa mmienu no mu wɔ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 25 Sika kɔkɔɔ nhoma mmienu no fã a aka no, fa fa efɔd no anim kɔhyehyɛ nsiaseɛ no mu wɔ efɔd no mmati so. 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ nkataboɔ no fã a wɔbɛbu ato so no anoano.+ 27 San fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ efɔd no mu wɔ abɔsoɔ no soro kakra.+ 28 Nkawa a ɛwɔ efɔd no mu no, fa ahoma bruu hyehyɛ mu, na san fa kyekyere nkataboɔ no nkawa mu bɔ efɔd no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkataboɔ no bɛda efɔd no so yie wɔ abɔsoɔ no soro.
29 “Israel mma din a ɛbobɔ atemmuo nkataboɔ no so wɔ Aaron koko* so no, ma no mfa mmra Kronkronbea hɔ na Yehowa mfa nkae wɔn daa. 30 Sɛ Aaron reba Yehowa anim a, fa Urim ne Tumim*+ no hyehyɛ atemmuo nkataboɔ no mu na ɛmmɔ ne koko so. Saa adeɛ yi a wɔgyina so si gyinaeɛ ma Israelfoɔ no, ɛsɛ sɛ Aaron ma ɛda ne koko so daa wɔ Yehowa anim.
31 “Nsasini a ɔbɛhyɛ wɔ efɔd no ase no, fa ahoma bruu nko ara yɛ.+ 32 Twa ataadeɛ no mfimfini fa yɛ ne kɔn na ma obi a ɔnwene adeɛ nnwene ano nhyia. Yɛ ne kɔn no sɛ dadeɛ akotaadeɛ kɔn na ante amfa mu. 33 Fa ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwene granate akutuo* sensɛn ano hyia. Afei yɛ sika kɔkɔɔ adɔmma hyehyɛ granate akutuo no ntam. 34 Enti granate akutuo biara akyi no, sika kɔkɔɔ adɔmma toa so; ma ɛnsesa so wɔ nsasini no ano nhyia. 35 Aaron bɛhyɛ ataadeɛ yi de asom. Sɛ ɔkɔ tenabea kronkron hɔ kɔgyina Yehowa anim a, wɔbɛte sɛ adɔmma no regyegye, na ɔpue nso a, wɔbɛte. Ma no nyɛ saa na wanwu.+
36 “Afei fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ade tratra hyɛnn bi, na twerɛ so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so. Twerɛ so sɛ: ‘Yehowa ne Ɔkronkronni no.’+ 37 Fa ahoma bruu sɔ mu, na fa bɔ abotire no anim.+ 38 Ma ɛmmɔ Aaron moma so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nneɛma kronkron+ a Israelfoɔ ahyira so de rebɛyɛ akyɛdeɛ kronkron no, sɛ obi di mfomsoɔ ma ne ho ba asɛm wɔ ho a, Aaron bɛsoa bɔne no. Ɛmmɔ ne moma so daa na ama Yehowa ani asɔ wɔn.
39 “Fa ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛ ataade tenten; yɛ no damedame, na fa nwera pa yɛ abotire na nwene deɛ ɔde bɛbɔ ne mu nso.+
40 “Aaron mma no nso,+ yɛ ntaade tenten, deɛ wɔde bɛbɔ wɔn mu ne abotire sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ wɔn animuonyam na wɔn ho ayɛ fɛ.+ 41 Fa ntaadeɛ no hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma, na fa ngo sra wɔn+ fa hyɛ wɔn asɔfoɔ.*+ Te wɔn ho na wɔnsom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 42 Afei fa nwera pam nika* na wɔmfa nkata wɔn adagya so.+ Ɛsɛ sɛ ɛkata wɔn ho firi wɔn sisi kɔsi wɔn srɛ. 43 Berɛ biara a Aaron ne ne mma bɛba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛba afɔrebukyia no ho abɛsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ na wɔanni fɔ amma wɔanwuwu. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɔne ne mma* bɛdi so daa.