8 Ɛsɛ sɛ wɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwene abɔsoɔ*+ a wɔde bɛbɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.
7 Ɛno akyi no, ɔde ataade tenten no+ hyɛɛ no, na ɔde deɛ ɔde bɛbɔ ne mu+ no bɔɔ so, na ɔde nsasini+ no nso hyɛɛ no. Afei ɔde efɔd*+ no hyɛɛ no de abɔsoɔ*+ a wɔanwene no sɔɔ mu.