-
Exodus 39:15-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Afei wɔde sika kɔkɔɔ amapa nwenee biribi te sɛ ahoma totoo nkataboɔ no anoano hyiaeɛ.+ 16 Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiaseɛ mmienu ne nkawa mmienu, na wɔde nkawa mmienu no hyehyɛɛ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 17 Afei wɔde nhoma mmienu a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛɛ nkawa mmienu no mu wɔ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 18 Ɛnna wɔde sika kɔkɔɔ nhoma mmienu no fã a aka no faa efɔd no anim kɔhyehyɛɛ nsiaseɛ no mu wɔ efɔd no mmati so.
-