Exodus
39 Wɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ+ no nwenee ntaadeɛ kama a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Wɔpam ntaade kronkron no maa Aaron,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
2 Ɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ efɔd*+ no. 3 Wɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ yɛɛ no ntraantraa, na ɔtwitwaa no nteaanteaa de kaa ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ho de nwenee efɔd no. 4 Wɔyɛɛ adeɛ totoo ne mmati no so de kaa animu ne akyire no boom. 5 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, wɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwenee abɔsoɔ* de bɔɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.+
6 Afei wɔde abohene tuntum no tetaree biribi te sɛ nsiaseɛ nketewa bi a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ so, na wɔtwerɛɛ* Israel mma din wɔ so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so no.+ 7 Ɔde sisii efɔd no mmati so sɛ wɔmfa nyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israel mma,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 8 Afei ɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwenee nkataboɔ+ no te sɛ efɔd no.+ 9 Sɛdeɛ wɔyɛɛ nkataboɔ no, sɛ wɔbu to so mmienu a, n’afã nnan nyinaa yɛ pɛ, ne tenten yɛ nsayam mmiɛnsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ nsayam mmiɛnsa. 10 Wɔde abohene tetaree mu, na na ɛsesa so nnan. Ná nsãsoɔ a ɛdi kan no yɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonoboɔ. 11 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu no, na ɛyɛ nsrammaboɔ, hoaboɔ, ne ahwehwɛboɔ. 12 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeboɔ, ne beredumboɔ. 13 Ná nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan no yɛ sikabereɛboɔ, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiaseɛ de abohene no biara tetaree so. 14 Israel mma 12 no, ɔtwerɛɛ wɔn mu biara din wɔ ɛboɔ baako so. Ɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so, na ɔde ebiara gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo 12 no mu baako.
15 Afei wɔde sika kɔkɔɔ amapa nwenee biribi te sɛ ahoma totoo nkataboɔ no anoano hyiaeɛ.+ 16 Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiaseɛ mmienu ne nkawa mmienu, na wɔde nkawa mmienu no hyehyɛɛ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 17 Afei wɔde nhoma mmienu a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛɛ nkawa mmienu no mu wɔ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 18 Ɛnna wɔde sika kɔkɔɔ nhoma mmienu no fã a aka no faa efɔd no anim kɔhyehyɛɛ nsiaseɛ no mu wɔ efɔd no mmati so. 19 Wɔwieeɛ no, wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu de hyehyɛɛ nkataboɔ no fã a wɔabu ato so no anoano.+ 20 Ɛnna wɔsan de sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu hyehyɛɛ efɔd no mu wɔ baabi a abɔsoɔ no bɔ efɔd no mu no. Ná ɛwɔ abɔso no soro kakra. 21 Afei nkawa a ɛwɔ efɔd no mu no, wɔde ahoma bruu hyehyɛɛ mu, na wɔsan de kyekyeree nkataboɔ no nkawa mu bɔɔ efɔd no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkataboɔ no bɛda efɔd no so yie wɔ abɔsoɔ no soro, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
22 Afei nsasini a ɛwɔ efɔd no ase no, ɔmaa obi a ɔnwene adeɛ nweneeɛ; ɔde ahoma bruu nko ara na ɛyɛeɛ.+ 23 Wɔtwaa ataadeɛ no mfimfini de yɛɛ ne kɔn te sɛ dadeɛ akotaadeɛ kɔn, na wɔnwenee ano hyiaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛrente mfa mu. 24 Ɛno akyi no, wɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwenee granate akutuo* sensɛn nsasini no ano hyiaeɛ. 25 Afei wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ adɔmma hyehyɛɛ granate akutuo no ntam wɔ nsasini no ano hyiaeɛ; 26 enti granate akutuo biara akyi no, sika kɔkɔɔ adɔmma toa so; wɔde sesãã so wɔ nsasini a wɔde yɛ asɔfodwuma no ano hyiaeɛ, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
27 Afei wɔmaa obi a ɔnwene adeɛ de nwera pa nwenee ntaade tenten maa Aaron ne ne mma,+ 28 na wɔde nwera pa no bi nwenee abotire,+ abotire a wɔadi adwini agu ho,+ ne nika,*+ 29 na wɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera, ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwenee deɛ ɔde bɛbɔ ne mu, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
30 Wɔwieeɛ no, wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ ade tratra hyɛnn bi, ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron* no, na wɔtwerɛɛ so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so no. Wɔtwerɛɛ so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni no.”+ 31 Wɔde ahoma bruu sɔɔ mu de bɔɔ abotire no anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
32 Enti afei ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan kronkron no ho adwuma nyinaa baa awieeɛ, na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
33 Ɛnna wɔde ɔsom ntomadan+ no ho nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: ɛho ntoma, emu nneɛma, ɛho nnadeɛ nketewa,+ ntomadan nnua+ no ne ne mmeamu,+ ɛho adum ne ne nnyinasoɔ;+ 34 nkatasoɔ a wɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ+ ayɛ, nkatasoɔ foforɔ a wɔde sukraman* nwoma ayɛ, ntwamutam no;+ 35 Adanseɛ Adaka no ne nnua a wɔde soa+ ne ne mmuasoɔ;+ 36 ɛpono no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ne paanoo a wɔde kyerɛ; 37 kaneadua a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne ɛho nkanea+ a ɛsesa so no, ne ɛho nneɛma nyinaa,+ ne ngo a wɔde bɛgu nkanea no mu;+ 38 sika kɔkɔɔ afɔrebukyia no,+ ɔsrango no,+ aduhwam no,+ ntoma*+ a wɔde bɛsɛn ntomadan no kwan ano; 39 kɔbere afɔrebukyia+ ne kɔbere nkantankantan a ɛda so no, ɛho nnua a wɔde bɛsoa+ ne ɛho nneɛma nyinaa,+ ɔsɛn no ne ne nnyinasoɔ;+ 40 ntoma a ɛsensɛn adihɔ hɔ ne n’adum ne ne nnyinasoɔ,+ ntoma*+ a ɛwɔ adihɔ no kwan ano, ne ɛho nhoma ne deɛ wɔde bɛbobɔ ntomadan no mu atim fam,+ ne nneɛma a wɔde bɛyɛ ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma nyinaa; 41 ɛne ntaadeɛ a wɔanwene no kama a wɔde bɛsom wɔ tenabea kronkron hɔ, ɔsɔfoɔ Aaron ntaade kronkron,+ ne ntaadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ no.
42 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa pɛpɛɛpɛ na Israelfoɔ no yɛɛ adwuma no nyinaa.+ 43 Berɛ a Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa no, ɔhuu sɛ wɔayɛ no sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɛnna Mose hyiraa wɔn.