-
Exodus 28:15-21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 “Ma obi a ɔnim adeɛ nwene nyɛ atemmuo nkataboɔ+ no. Ma ɔmfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ no te sɛ efɔd no.+ 16 Sɛ wɔbu to so mmienu a, n’afã nnan nyinaa bɛyɛ pɛ; ma ne ntwemu nyɛ nsayam mmiɛnsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ nsayam mmiɛnsa. 17 Fa abohene tetare mu, na ɛnsesã so nnan. Ma nsãsoɔ a ɛdi kan no nyɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonoboɔ. 18 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu no bɛyɛ nsrammaboɔ, hoaboɔ, ne ahwehwɛboɔ. 19 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeboɔ, ne beredumboɔ. 20 Nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Fa sika kɔkɔɔ yɛ nsiaseɛ a wɔde abohene no biara bɛtare so. 21 Israel mma 12 no, twerɛ wɔn mu biara din wɔ ɛboɔ baako so. Twerɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so, na ebiara nnyina hɔ mma Israel mmusuakuo 12 no mu baako.
-