-
Exodus 39:8-14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Afei ɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwenee nkataboɔ+ no te sɛ efɔd no.+ 9 Sɛdeɛ wɔyɛɛ nkataboɔ no, sɛ wɔbu to so mmienu a, n’afã nnan nyinaa yɛ pɛ, ne tenten yɛ nsayam mmiɛnsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ nsayam mmiɛnsa. 10 Wɔde abohene tetaree mu, na na ɛsesa so nnan. Ná nsãsoɔ a ɛdi kan no yɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonoboɔ. 11 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu no, na ɛyɛ nsrammaboɔ, hoaboɔ, ne ahwehwɛboɔ. 12 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeboɔ, ne beredumboɔ. 13 Ná nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan no yɛ sikabereɛboɔ, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiaseɛ de abohene no biara tetaree so. 14 Israel mma 12 no, ɔtwerɛɛ wɔn mu biara din wɔ ɛboɔ baako so. Ɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so, na ɔde ebiara gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo 12 no mu baako.
-