-
Exodus 38:9-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Afei ɔyɛɛ adihɔ wɔ ntomadan no ho.+ Ɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntoma sensɛn adihɔ no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no; ɛhɔ deɛ no, ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa 100.+ 10 Ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinasoɔ 20 no, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no nsosɔmu ne ne nkawa. 11 Ɛfã a ɛhwɛ atifi fam no nso, ɔyɛɛ ntoma a ne tenten yɛ basafa 100 sensɛn hɔ. Na ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinasoɔ 20, na ɔde dwetɛ yɛɛ ɛho nsosɔmu ne nkawa no.
-