-
Exodus 28:26-28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ nkataboɔ no fã a wɔbɛbu ato so no anoano.+ 27 San fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ efɔd no mu wɔ abɔsoɔ no soro kakra.+ 28 Nkawa a ɛwɔ efɔd no mu no, fa ahoma bruu hyehyɛ mu, na san fa kyekyere nkataboɔ no nkawa mu bɔ efɔd no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkataboɔ no bɛda efɔd no so yie wɔ abɔsoɔ no soro.
-