-
Exodus 28:6-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 “Efɔd no, ma wɔmfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ.+ 7 Wɔmfa adeɛ ntoto ne mmati mmienu no so mfa nka akyire ne animu no mmom. 8 Ɛsɛ sɛ wɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwene abɔsoɔ*+ a wɔde bɛbɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.
-