Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 16:34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no, Aaron de kɔsii Adanseɛ*+ no anim koraa so.

  • Exodus 31:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Bepɔ Sinai soɔ no, ɔde Adanseɛ apono mmienu+ maa Mose, aboɔpono a Onyankopɔn de ne nsateaa+ atwerɛ soɔ.

  • Exodus 40:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Ɛno akyi no, ɔde Adanseɛ+ no too Adaka+ no mu, na ɔde nnua nteaanteaa+ no hyehyɛɛ Adaka no ho de mmuasoɔ+ no kataa Adaka no so.+

  • Numeri 17:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma+ no kɔto Adanseɛ no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatefoɔ+ no na wɔankɔ so annwiinwii antia me, na wɔanwuwu.”

  • Deuteronomium 31:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 “Momfa mmara nwoma yi+ nto Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no ho+ na ɛnni mo adanseɛ.+

  • 1 Ahemfo 8:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Hwee nni Adaka no mu, gye aboɔpono+ mmienu a Mose de guu mu+ wɔ Horeb no; da a Israel mma firi Egypt asase so reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam+ no na ɔde guu mu.

  • Hebrifoɔ 9:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Ɛhɔ na na wɔkora sika aduhwamhyeɛ adeɛ+ ne apam adaka+ a wɔde sika adura ho+ nyinaa a emu na na sika kuruwa a mana+ wom ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ+ ne apam aboɔpono+ no wɔ no,

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane