1 Ahemfo
8 Saa berɛ no Solomon+ boaboaa+ Israel mpanimfoɔ+ ano, mmusuakuo mu atitire+ ne Israelfoɔ agyanom+ mpanimfoɔ nyinaa, sɛ wɔmmra Ɔhene Solomon nkyɛn wɔ Yerusalem, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa Yehowa apam adaka+ no mfiri Dawid Kuro+ mu, kyerɛ sɛ Sion,+ mmra. 2 Enti Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano baa Ɔhene Solomon nkyɛn afahyɛ no ase,+ wɔ bosome Etanim, bosome a ɛtɔ so nson+ no mu. 3 Ɛnna Israel mpanimfoɔ nyinaa baeɛ, na asɔfoɔ no kɔsoaa+ Adaka+ no. 4 Na wɔde Yehowa adaka no ne ahyiaeɛ+ ntomadan+ ne anwenneɛ kronkron a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa baeɛ; asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ no na wɔde baeɛ.+ 5 Ná Ɔhene Solomon ne Israel badwa a wɔka ne ho, wɔn a wɔbaa ne frɛ no nyinaa wɔ Adaka no anim de nnwan ne anantwie rebɔ afɔdeɛ;+ mmoa no dodoɔ nti wɔantumi ankan wɔn, na wɔantumi ammu wɔn ano.+
6 Afei asɔfoɔ no de Yehowa apam adaka+ no baa ne sibea,+ pia mu pia no mu, Kronkron mu Kronkronbea hɔ, na wɔde sii kerubim+ no ntaban ase.
7 Ná kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, baabi a Adaka no sie no, enti kerubim no kataa Adaka no ne ɛho nnua so.+ 8 Ná ɛho nnua+ no woware, enti na wɔhunu nnua no ti wɔ Kronkronbea hɔ wɔ pia mu pia no anim, nanso na wɔnhu no abɔnten, na ɛhɔ na ɛwɔ de bɛsi nnɛ.+ 9 Hwee nni Adaka no mu, gye aboɔpono+ mmienu a Mose de guu mu+ wɔ Horeb no; da a Israel mma firi Egypt asase so reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam+ no na ɔde guu mu.
10 Na ɛbaa sɛ berɛ a asɔfoɔ no firii adi firii kronkronbea hɔ no, mununkum+ bɛhyɛɛ Yehowa fie no mã. 11 Mununkum no nti, asɔfoɔ+ no antumi annyina hɔ ansom,+ ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam+ hyɛɛ Yehowa fie no mã.+ 12 Saa berɛ no Solomon kaa sɛ: “Yehowa aka sɛ mununkum kusuu+ mu na ɔbɛtena. 13 Matumi asi tenabea a ɛkorɔn ama wo,+ na mayɛ baabi a wobɛtena+ daa.”+
14 Afei, ɔhene danee n’ani sɛ ɔrehyira+ Israel badwa no nyinaa berɛ a Israel badwa no nyinaa gyinagyina wɔn nan soɔ no. 15 Na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa,+ Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ me papa Dawid,+ na ɔnam ne nsa so ama no aba mu+ no; ɔno na ɔkaa sɛ, 16 ‘Ɛfiri da a meyii me man Israel firii Egypt de bɛsi nnɛ da yi, menyii+ Israel mmusuakuo no kuro bi sɛ wɔnsi fie+ mma me wɔ hɔ na me din+ ntena hɔ, nanso mɛyi Dawid ama no abɛdi me man Israel so.’+ 17 Ná ɛda me papa Dawid akoma so sɛ ɔbɛsi fie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn din.+ 18 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛsiane sɛ ɛda w’akoma so sɛ wobɛsi fie ama me din nti, woayɛ adeɛ sɛ ɛda w’akoma soɔ.+ 19 Na mmom efie no deɛ, ɛnyɛ wo na wobɛsie; wo ba a ɔbɛfiri w’asene mu aba na ɔbɛsi fie no ama me din.’+ 20 Yehowa ama asɛm a ɔkaeɛ no aba mu,+ asɛm a Yehowa kaa sɛ mɛsɔre abɛsi me papa Dawid ananmu na matena Israel ahennwa so+ na masi fie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn din,+ 21 na mapɛ baabi de Adaka no asie no; emu na apam+ a Yehowa ne yɛn agyanom yɛeɛ berɛ a ɔyii wɔn firii Egypt asase soɔ no wɔ.”
22 Afei Solomon kɔgyinaa Yehowa afɔrebukyia+ no anim wɔ Israel badwa no nyinaa anim trɛɛ ne nsam kyerɛɛ soro.+ 23 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel+ Nyankopɔn, Onyame biara nni hɔ, ɔsoro ne asase so a ɔte sɛ woɔ;+ wo a wokora apam ne adɔeɛ+ so ma wo nkoa+ a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim+ no. 24 Wo na woama bɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no aba mu; wo na wode w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama no aba mu.+ 25 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ma bɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no nnyina. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔnante m’anim sɛdeɛ woanante m’anim yi a, obusuani a ɔbɛtena Israel adwa soɔ+ remmɔ wo, m’anim.’ 26 O Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma bɔ+ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no ntim.
27 “Enti Onyankopɔn bɛtena asase so ampa ara?+ Hwɛ! Ɔsoro+ ne ɔsoro mu soro+ mpo ntumi nkora wo,+ na efie+ a masie yi na ɛbɛyɛ dɛn! 28 Nanso, dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ+ ne ne nkotɔsrɛ,+ O Yehowa me Nyankopɔn, na tie w’akoa sufrɛ ne mpaeɛ a merebɔ w’anim nnɛ da yi.+ 29 Bue w’ani+ hwɛ fie yi awia ne anadwo, baabi a wokaa sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no, na tie mpaeɛ a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no.+ 30 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ a, tie yɛn nkotɔsrɛ;+ sɛ ɛduru w’asom, wo soro+ tenabea hɔ a, tie yɛn. Tie na fa kyɛ+ yɛn.
31 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko+ bɔne na ne yɔnko no ma no di nse ka ntam+ ma asodie bɛda ne so, na ɔba w’afɔrebukyia no anim fie yi mu berɛ a wadi nseɛ no a, 32 ɛnneɛ firi wo soro hɔ tie na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn, na bu ɔbɔnefoɔ no fɔ ma ne bɔne nkɔgu n’atifi,+ na bu ɔteneneeni no bem+ ma no, sɛdeɛ ne tenenee teɛ.+
33 “Sɛ wo man Israel di nkoguo wɔ atamfo anim,+ bɔne a wɔayɛ woɔ+ nti, na sɛ wɔsan ba wo nkyɛn+ bɛkamfo wo din,+ na wɔbɔ mpaeɛ+ de wɔn nkotɔsrɛ ba w’anim fie yi mu+ a, 34 ɛnneɛ wo ara firi soro hɔnom tie, na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn,+ na san fa wɔn bra+ asase a wode maa wɔn agyanom no+ so.
35 “Sɛ ɔsoro mu to na nsuo antɔ,+ bɔne+ a wɔayɛ woɔ nti, na brɛ a woabrɛ wɔn aseɛ+ nti, wɔsan firi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ+ na wɔkamfo wo din a, 36 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn ɛfiri sɛ wo na wokyerɛkyerɛ+ wɔn kwan pa a wɔmfa soɔ;+ ma nsuo ntɔ+ w’asase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapadeɛ no so.
37 “Sɛ ɛkɔm+ na ɛbɛba asase no so oo, sɛ ɔyaredɔm+ na ɛbɛba oo, sɛ ɔhyew na ɛbɛba oo, sɛ yareɛ na ɛbɛsi wɔn afuo so+ oo, sɛ ntutummɛ+ ne ntɛfrɛ+ na ɛbɛba oo, sɛ wɔn atamfo na wɔbɛto ahyɛ wɔn nkuro so oo, ɔhaw anaa yareɛ biara a ɛbɛba wɔn soɔ no, 38 mpaebɔ+ anaa nkotɔsrɛ+ a onipa biara anaa wo man Israel+ nyinaa de bɛba w’anim no,—ɛfiri sɛ obiara nim n’akomam haw+—sɛ wɔtrɛ wɔn nsam kyerɛ fie+ yi a, 39 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro,+ wo tenabea+ hɔ tie na fa bɔne kyɛ+ na ma+ onipa biara sɛdeɛ n’akwan teɛ,+ ɛfiri sɛ wo na wonim n’akomam+ (na wo nko ara na wonim deɛ ɛwɔ adasamma nyinaa akomam);+ 40 ɛno bɛma wɔasuro+ wo wɔn nkwa nna nyinaa, nna dodoɔ a wɔbɛdi no asase a wode maa yɛn agyanom+ no soɔ no.
41 “Afei ɔhɔhoɔ+ a ɔmfiri wo man Israel mu mpo, sɛ wo din nti ɔfiri akyirikyiri asase so ba,+ 42 (ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ+ ne wo nsa a ɛyɛ den+ ne wo basa a woatene mu no ho asɛm) na ɔde n’ani kyerɛ fie yi bɔ mpaeɛ+ a, 43 wo ara firi ɔsoro, wo tenabea+ hɔ tie na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde to w’anim nyinaa ma no,+ na ama asase so aman nyinaa ahunu wo din+ na wɔasuro wo sɛdeɛ wo man Israel suro woɔ no, na wɔahunu sɛ wo din na ɛda efie a masie yi soɔ.+
44 “Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfo kɔko+ ɛkwan a wobɛsoma wɔn no so,+ na wɔde wɔn ani kyerɛ kuro a woayie+ ne fie a masi ama wo din+ yi na wɔbɔ Yehowa mpaeɛ+ a, 45 wo nso firi ɔsoro tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ na di wɔn asɛm ma wɔn.+
46 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo+ (ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne),+ na sɛ wo bo fu wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no de wɔn kɔ nkoasom mu, atamfo asase a ɛwɔ akyirikyiri anaa deɛ ɛbɛn so,+ 47 na wɔn ani ba wɔn ho so, asase a wɔde wɔn akɔyɛ nkoa+ wɔ hɔ no so, na wɔsan ba+ wo nkyɛn bɛkoto srɛ+ wo, asase a wɔakɔyɛ hɔ nkoa+ no so na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ yɛafom,+ na yɛadi amumuyɔsɛm,’+ 48 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn,+ wɔn atamfo a wɔde wɔn ayɛ nkoa no asase so, na wɔde wɔn ani kyerɛ asase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayie ne fie a masi ama wo din yi bɔ mpaeɛ+ a, 49 wo nso firi ɔsoro, wo tenabea+ hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn,+ 50 na wo man a wɔayɛ wo bɔne no,+ fa bɔne a wɔayɛ woɔ+ no nyinaa kyɛ wɔn,+ na ma wɔnnya mmɔborɔhunu,+ wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no anim, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ 51 (ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ+ a woyii wɔn Egypt,+ firii dadeɛ fononoo+ no mu de wɔn baeɛ); 52 bue w’ani wɔ w’akoa nkotɔsrɛ ne wo man Israel nkotɔsrɛ+ so, na tie wɔn sufrɛ a wɔde ba w’anim+ nyinaa. 53 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woyii wɔn yɛɛ w’agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu,+ sɛdeɛ wonam w’akoa Mose+ so kaeɛ berɛ a woyii yɛn agyanom firii Egypt no.”
54 Berɛ a Solomon wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ Yehowa, ne nkotɔsrɛ a ɔde kɔɔ n’anim yi nyinaa no, ɔsɔre firii Yehowa afɔrebukyia no anim; ɔsɔre firii ne nkotodwe+ anim, na ɔgyaee ne nsam a watrɛ akyerɛ soro+ no. 55 Afei ɔsɔre gyinaa+ hɔ, na ɔde nne kɛseɛ hyiraa+ Israel badwa no nyinaa sɛ: 56 “Nhyira nka Yehowa+ a wama ne man Israel ɔhome sɛdeɛ bɔ a ɔhyɛeɛ nyinaa teɛ+ no. Nneɛma pa a ɔnam n’akoa Mose so hyɛɛ ho bɔ+ no nyinaa, baako mpo antɔ fam.+ 57 Yehowa yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi+ sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyi+ no. Mma no mmpo yɛn na mma no nnnya yɛn,+ 58 na ɔnnane yɛn akoma+ mmra ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante n’akwan+ nyinaa soɔ na yɛadi ne mmara nsɛm+ ne n’ahyɛdeɛ+ ne n’atemmusɛm+ a ɔde yɛɛ ahyɛdeɛ maa yɛn agyanom no soɔ. 59 Na me nsɛm a mede ayɛ nkotɔsrɛ Yehowa anim yi, ma no mmɛn+ Yehowa yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na ɔnni n’akoa asɛm mma no na ɔnni ne man Israel nso asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da biara;+ 60 na ama asase so aman nyinaa ahunu+ sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn+ no, na obiara nni hɔ bio.+ 61 Momma mo akoma nni mũ+ Yehowa yɛn Nyankopɔn ho, na monnante n’ahyɛdeɛ so na monni ne mmara nsɛm so sɛdeɛ moyɛ nnɛ da yi.”
62 Na ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ afɔdeɛ kɛseɛ Yehowa anim.+ 63 Solomon de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ɔha aduonu+ bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ a ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma Yehowa no, na ɔhene ne Israel nyinaa buee+ Yehowa fie no ano. 64 Saa da no, ɔhene yɛɛ Yehowa fie adihɔ no mfimfini hɔ kronkron,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no, na asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no nso, ɛhɔ na ɔhyee no; ná kɔbere afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no sua dodo sɛ ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ na wahye asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ+ no wɔ soɔ. 65 Saa berɛ no, Solomon dii afahyɛ+ no, ɔne Israel nyinaa, badwa kɛseɛ+ a wɔfiri Hamat+ hyeɛ so kɔsi Egypt subɔn+ ano no, wɔdii no nnanson Yehowa yɛn Nyankopɔn anim, na wɔdii nnanson+ bio kaa ho maa no yɛɛ nnafua dunan. 66 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan,+ na wɔhyiraa ɔhene de anigyeɛ+ ne akomatɔyam+ kokɔɔ wɔn afie, adepa+ a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa nti.