9 ‘Sɛ mmusuo+ bi anaa nkrantɛ anaa atemmuo bɔne anaa yaredɔm+ anaa ɛkɔm+ ba yɛn so a, ma yɛnnyina fie yi anim+ ne w’anim (ɛfiri sɛ wo din+ wɔ fie yi so), na yɛnsũ mfrɛ wo yɛn ahohia mu, na tie yɛn na gye yɛn.’+
6 mesrɛ wo, wɛn w’aso+ na bue w’ani, na tie w’akoa mpaeɛ+ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfoɔ, ne bɔne+ a Israel mma, yɛayɛ atia woɔ a mereka yi.+ Me ne me papa fie nyinaa, yɛayɛ bɔne.+