Nehemia
1 Hakalia ba Nehemia+ nsɛm nie: Ɛbaa sɛ bosome Kislew mu,+ afe a ɛtɔ so aduonu+ no, na mewɔ Susan+ abankɛseɛ mu. 2 Na Hanani,+ me nuanom baako ne mmarima bi a wɔfiri Yuda baa hɔ, na mebisaa+ wɔn sɛdeɛ Yudafoɔ+ no ho teɛ, wɔn a wɔafiri nkoasom+ mu aka+ no, na mebisaa sɛdeɛ nneɛma teɛ wɔ Yerusalem. 3 Ɛnna wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔafiri nkoasom mu aka a wɔwɔ mantam+ no mu no asɛm yɛ mmɔbɔ paa,+ na wɔwɔ ahohora mu;+ Yerusalem afasuo+ no abubu, na n’apono nso,+ wɔde gya ahye.”
4 Metee asɛm yi ara pɛ, metenaa ase suiɛ, na medii awerɛhoɔ nna pii; mekɔɔ so dii mmuada+ bɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn+ anim. 5 Asɛm a mekaeɛ ne sɛ: “Ao, Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni a wo ho yɛ hu,+ na wokora apam+ ne adɔeɛ so ma wɔn a wɔdɔ woɔ+ na wɔdi wo mmara nsɛm soɔ,+ 6 mesrɛ wo, wɛn w’aso+ na bue w’ani, na tie w’akoa mpaeɛ+ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfoɔ, ne bɔne+ a Israel mma, yɛayɛ atia woɔ a mereka yi.+ Me ne me papa fie nyinaa, yɛayɛ bɔne.+ 7 Yɛn deɛ, yɛayɛ bɔne atia wo,+ na wo mmara nsɛm+ ne w’ahyɛdeɛ+ ne w’atemmusɛm+ a wode hyɛɛ w’akoa Mose nsa no nso,+ yɛanni so.
8 “Mesrɛ wo, kae+ asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose yi sɛ, ‘Sɛ moto me mmara a, me nso, mɛbɔ mo ahwete amanaman mu.+ 9 Sɛ mosan ba me nkyɛn+ bɛhwɛ di+ me mmara nsɛm+ so a, ɛnneɛ sɛ wɔahwete mo akɔduru ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afiri hɔ de mo aba+ baabi a mayi sɛ me din ntena no.’+ 10 Na wɔyɛ wo nkoa+ ne wo man+ a wode wo tumi kɛseɛ+ ne wo nsa a ɛyɛ den gyee wɔn.+ 11 Ao, Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ,+ na tie wo nkoa a wɔpɛ sɛ wɔsuro wo din+ no mpaebɔ; afei mesrɛ wo, ma no nsi w’akoa yie nnɛ,+ na ma ɔbarima yi nhu me mmɔbɔ.”+
Saa berɛ no me na na mehyɛ ɔhene nsã.+