Nehemia
2 Ɔhene Artasasta+ afe a ɛtɔ so aduonu,+ bosome Nisan+ mu no, ɛbaa sɛ na bobesa si n’anim, na sɛdeɛ meyɛ daa no, mefaa bobesa no de maa ɔhene.+ Nso na m’anim nyɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ n’anim da.+ 2 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Adɛn nti na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ+ saa, berɛ a wonyareɛ? Yei nyɛ biribiara sɛ akoma mu awerɛhoɔ.”+ Ɛmaa ehu kɛseɛ kaa me.
3 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!+ Adɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, berɛ a kuro+ a m’agyanom adamena wom+ adane amamfõ na n’apono nso, wɔde egya ahyeɛ?”+ 4 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ?”+ Ntɛm ara na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn+ mpaeɛ.+ 5 Ɛno akyi no meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so,+ na sɛ w’akoa anya w’anim adom a,+ ma menkɔ Yuda kuro a m’agyanom adamena wom no mu na mensan nkɔkyekyere.”+ 6 Na ɔhene a ɔhemmaa te ne nkyɛn no bisaa me sɛ: “W’akwantuo no bɛdi nna sɛn, na da bɛn na wobɛsan aba?” Mehyɛɛ ɔhene da,+ na na ɛyɛ+ wɔ n’ani so sɛ ɔbɛma makorɔ.
7 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔmma me nkrataa+ nkɔma amradofoɔ+ a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no agya no,+ na wɔama matwam akɔ Yuda; 8 ne krataa nso a mede bɛma ɔhene kwaeɛ sohwɛfoɔ Asaf, na wama me nnua a mede bɛyɛ fie+ no Abankɛseɛ apono,+ ne kuro no afasuo+ ne fie a merekɔ mu no ho adwuma.” Enti ɔhene de maa me, me Nyankopɔn papayɛ nsa a ɛwɔ me soɔ nti.+
9 Mekɔduruu asubɔnten kɛseɛ no agya amradofoɔ+ no nkyɛn, na mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Ɔhene maa asahene ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa me ho kɔeɛ. 10 Berɛ a Horonni+ Sanbalat+ ne Ammonni+ Tobia,+ ɔsomfoɔ no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse+ sɛ obi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israel mma.
11 Mekɔduruu Yerusalem, na metenaa hɔ nnansa. 12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho, nanso manka deɛ na me Nyankopɔn de rehyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ mma Yerusalem+ no ho asɛm ankyerɛ obiara.+ Ná aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no nko ara. 13 Mefaa Ɛbɔn Pono+ no mu firii adi anadwo faa Ɔtweaseɛ Nsuo Aniwa no anim kɔɔ Sumina Pono no ano,+ na merekɔ nyinaa na merehwɛ Yerusalem afasuo no,+ sɛdeɛ na abubuo na wɔde gya nso ahye n’apono no.+ 14 Na metwaam kɔɔ Nsuo Aniwa Pono+ no ano toaa so kɔɔ Ɔhene Tadeɛ no ho, na aboa a mete ne soɔ no annya baabiara amfa. 15 Ɛnna metoaa so faa subɔn+ no mu anadwo no, na mehwɛɛ afasuo no ara; ɛno akyi no, mesan m’akyi bɛfaa Ɛbɔn Pono+ no mu baeɛ.
16 Ná asoafoɔ+ no nnim baabi a mekɔeɛ ne deɛ na mereyɛ; na Yudafoɔ no ne asɔfoɔ no ne atitire ne asoafoɔ no ne adwumayɛfoɔ nkaeɛ no nso, na mennya nkaa biribiara nkyerɛɛ wɔn. 17 Afei meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moahunu sɛdeɛ yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, sɛdeɛ Yerusalem ayɛ amamfõ na wɔde gya ahye n’apono. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no bio, na yɛankɔ so antena yɛn ahohora mu.”+ 18 Na mekaa sɛdeɛ me Nyankopɔn nsa+ adi aboa me+ no kyerɛɛ wɔn, ne ɔhene nsɛm+ a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma yɛnsɔre na yɛnsi.” Enti wɔhyɛɛ wɔn nsam den maa adwuma pa no.+
19 Berɛ a Horonni Sanbalat+ ne Ammonni+ Tobia,+ ɔsomfoɔ no,+ ne Arabiani+ Gesem+ teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ,+ na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi? Ɛnyɛ ɔhene na morete n’anim atua yi?”+ 20 Nanso, mebuaa wɔn sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no,+ Ɔno na ɔbɛma no asi yɛn yie,+ na yɛn a yɛyɛ ne nkoa no, yɛn na yɛbɛsɔre asie; na mo deɛ, monni kyɛfa+ ne hokwan ne nkaeɛ+ biara Yerusalem.”