Nehemia
3 Ɛnna ɔsɔfo panin Eliasib+ ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔreeɛ na wɔsii Nnwanten Pono no.+ Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron+ na wɔsisii n’apono; wɔyɛɛ no kronkron kɔduruu Mea Abantenten+ no ho de kɔsii Hananel Abantenten+ no ho. 2 Na Yeriko+ mmarima toaa wɔn so yɛɛ fasuo no ho adwuma. Na Imri ba Sakur na ɔtoaa wɔn soɔ.
3 Mpataa Pono+ no na Hasenaa mma siiɛ;+ wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono,+ ne krɔkrɔ ne ne mmeamu.+ 4 Hakos ba Uriya+ ba Meremot+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bie, na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn soɔ; Baana ba Sadok na ɔtoaa wɔn soɔ. 5 Tekoafoɔ+ na wɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bie, nanso wɔn atitire+ no ammrɛ wɔn ho ase ansom wɔn wuranom.
6 Na Pasea ba Yoiada ne Besodeia ba Mesulam na wɔsiesiee Kuro Dada Pono no;+ wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono, ne krɔkrɔ ne ne mmeamu.+ 7 Wɔn a wɔtoaa wɔn soɔ ne Gibeonni+ Melatia ne Meronitni+ Yadon, Gibeon+ ne Mispa+ mmarima a wɔhyɛ asubɔnten kɛseɛ+ no agya amrado+ aseɛ. 8 Harhaia ba Usiel, sikadwumfoɔ no,+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bie, na Hanania, sradehwamfrafoɔ no,+ na ɔtoaa ne soɔ; wɔde aboɔ sam Yerusalem kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛɛ no so.+ 9 Hur ba Refaia, Yerusalem mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bie. 10 Harumaf ba Yedaia na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔ ne fie anim;+ na Hasabnia ba Hatus na ɔtoaa ne soɔ.
11 Harim+ ba Malkiya ne Pahat-Moab+ ba Hasub siesiee ɛfã bi a wɔasusu ama wɔn, ne Fononoo Abantenten+ no ho. 12 Halohes ba Salum, Yerusalem mantam no fã soafoɔ,+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bie, ɔne ne mma mmaa.
13 Hanun ne Sanoafoɔ+ na wɔsiesiee Ɛbɔn Pono no;+ wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono,+ ne krɔkrɔ+ ne ne mmeamu,+ ne fasuo no basafa apem kɔsii Sumina Pono no ho.+ 14 Rekab ba Malkiya, Bet-Hakerem+ mantam soafoɔ, na ɔsiesiee Sumina Pono no; ɔno na ɔsisii n’aponnwa ne n’apono, ne krɔkrɔ ne ne mmeamu.
15 Kolhosen ba Salun, Mispa+ mantam soafoɔ, na ɔsiesiee Nsuo Aniwa Pono no;+ ɔno na ɔsiiɛ, na ɔkataa soɔ na ɔsisii n’apono,+ ne krɔkrɔ ne ne mmeamu, na ɔsan too Tadeɛ Suka+ a ɛkɔ Ɔhene Turom+ no ho fasuo no kɔpem Atwedeɛ+ a ɛsiane firi Dawid Kuro+ mu no ho.
16 Asbuk ba Nehemia, Bet-Sur+ mantam fã soafoɔ, na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi de kɔsii Dawid Asieeɛ+ ne tadeɛ+ a wɔayɛ, ne Akunini Fie no anim.+
17 Lewifoɔ+ no na wɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bie, Bani+ ba Rehum; na Hasabia, Keila+ mantam fã soafoɔ, na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi maa ne mantam. 18 Wɔn nuanom na wɔtoaa soɔ, Henadad ba Bawai a ɔyɛ Keila mantam fã soafoɔ.
19 Yesua+ ba Eser, Mispa+ otitirie no, na ɔtoaa ne so siesiee ɛfã a wɔasusu ama no wɔ Akodeɛ Korabea a ɛwɔ Ahyiaeɛso+ no aforoeɛ ntentensoɔ.
20 Sabai+ ba Baruk na ɔtoaa ne so de ahokeka+ siesiee ɛfã a wɔasusu ama no no, ɛfiri Ahyiaeɛso hɔ kɔsi ɔsɔfo panin Eliasib+ fie pono ano.
21 Hakos ba Uriya+ ba Meremot na ɔtoaa ne so siesiee ɛfã a wɔasusu ama no no, ɛfiri Eliasib fie pono ano kɔsi Eliasib fie no tire nohoa.
22 Wɔn a wɔtoaa ne soɔ ne asɔfoɔ no, mmarima a wɔfiri Yordan Mantam+ mu no. 23 Benyamin ne Hasub na wɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔ wɔn ara wɔn fie anim. Anania ba Maaseia ba Asaria na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔ baabi a ɛbɛn ne fie. 24 Henadad ba Binui na ɔtoaa ne so siesiee ɛfã a wɔasusu ama no no, ɛfiri Asaria fie kɔsi Ahyiaeɛso+ kɔpem ntwea no so.
25 Usai ba Palal na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi wɔ Ahyiaeɛso ne abantenten a ɛpue Ɔhene Fie+ akyi, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban mu,+ no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa ne soɔ.
26 Ná Netinimfoɔ+ no te Ofel;+ wɔn na wɔyɛɛ adwuma wɔ Nsuo Pono+ a ɛwɔ apueeɛ fam no anim de kɔsii abantenten a ɛpue no ho.
27 Tekoafoɔ+ na wɔtoaa wɔn so siesiee ɛfã a wɔasusu ama wɔn no, ɛfiri abantenten kɛseɛ a ɛpue no anim kɔsi Ofel fasuo no ho.
28 Asɔfoɔ no na wɔsiesiee Apɔnkɔ Pono+ no atifi, obiara yɛɛ adwuma no bi wɔ ne fie anim.
29 Imer ba Sadok+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔ ne fie anim.
Sekania ba Semaia, apueeɛ Pono+ ano hwɛfoɔ no, na ɔtoaa ne soɔ.
30 Selemia ba Hanania ne Salaf ba a ɔtɔ so nsia, Hanun, na wɔtoaa ne so siesiee ɛfã a wɔasusu ama wɔn no.
Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi ɔno ara n’asa+ anim.
31 Malkiya a ɔfiri sika adwumfoɔ+ mu no na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi kɔsii Netinimfoɔ+ ne adwadifoɔ+ fie ne Ɔhwɛ Pono no anim de kɔpem ntwea so abansoro dan no ho.
32 Sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ no na wɔsiesiee ntwea so abansoro dan no kɔsii Nnwanten Pono+ no ho.