Nehemia
4 Berɛ a Sanbalat+ tee sɛ yɛresan ato fasuo no ara pɛ, ne bo fuu+ kɛse na ɛyɛɛ no ahi paa, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛ+ daa. 2 Na ɔkaa no ne nuanom+ ne Samaria asraafoɔkuo no anim sɛ: “Ɛdeɛn na Yudafoɔ a wɔnni ahoɔden yi reyɛ yi? Ɛdeɛn koraa na wɔbɛtumi ayɛ? Wɔbɛtumi abɔ afɔdeɛ?+ Wɔbɛtumi de da koro awie? Wɔbɛtumi de aboɔ dada a ahye awuo a ɛsunsum hɔ+ yi ayɛ adepa bi?”
3 Na Ammonni+ Tobia+ a ɔka ne ho no nso kaa sɛ: “Deɛ wɔresie yi, sɛ sakraman+ mpo de ne ho ka a, ɔbɛbu aboɔ fasuo no agu.”
4 O yɛn Nyankopɔn tie,+ yɛadane aniwudeɛ;+ ma wɔn ahohorabɔ+ mmɛgu wɔn ara atifi, na ma nkurɔfoɔ mfom wɔn nkɔ nkoasom mu wɔ obi man so. 5 Nkata wɔn amumuyɔ+ ne wɔn bɔne so mfiri w’anim. Mma wɔmmpepa, ɛfiri sɛ wɔayɛ adansifoɔ yi bɔne.
6 Enti yɛkɔɔ so too fasuo no, na ne nyinaa keka sisii animu maa no kɔɔ soro kɔduruu ne tenten mu nkyɛmu mmienu, na ɔman no nyaa akoma pa de yɛɛ adwuma no.+
7 Berɛ a Sanbalat+ ne Tobia+ ne Arabiafoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Asdodfoɔ+ tee sɛ Yerusalem afasuo a wɔresiesie no anya nkɔsoɔ na wɔafiri aseɛ retuatua akwan a ɛdeda mu no, wɔn bo fuu kɛse. 8 Enti wɔn nyinaa bɔɔ pɔ+ sɛ wɔne Yerusalem bɛba abɛko de ahyɛ me ahometeɛ. 9 Ɛnna yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ,+ na wɔn nti, yɛde awɛmfoɔ sisii hɔ awia ne anadwo.
10 Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Ahoɔden nni wɔn a wɔsoasoa nneɛma+ no mu bio, na wura pii sunsum hɔ;+ yɛn nko ara yɛrentumi nto fasuo no.”
11 Afei nso, yɛn atamfo kekaa sɛ: “Wɔrenhunu, na wɔrente+ kɔsi sɛ yɛbɛhyɛn wɔn mu akɔkunkum wɔn na yɛama adwuma no aka.”
12 Na ɛbaa sɛ berɛ biara a Yudafoɔ a wɔtete bɛn wɔn no bɛba no, wɔka kyerɛ yɛn mprɛ du sɛ: “Baabi a yɛteɛ a mobɛsan aba no, wɔbɛfiri hɔ nyinaa aba mo so.”
13 Enti memaa mmarima kɔgyinagyinaa fasuo no akyi petee mu baabi a ɛwɔ fam, na memaa nnipa no gyinagyinaa mmusua mmusua, na wɔde nkrantɛ+ ne mpea+ ne agyan wɛneeɛ. 14 Berɛ a mehunuu sɛ ehu aka wɔn no, ntɛm ara na mesɔre ka kyerɛɛ atitire+ ne asoafoɔ+ ne nnipa a aka no sɛ: “Monnsuro+ wɔn. Yehowa, Deɛ ɔyɛ kɛseɛ+ na ne ho yɛ hu+ no, ɔno na monkae no; monko mma mo nuanom+ ne mo mma mmarima ne mo mma mmaa ne mo yerenom ne mo afie.”
15 Berɛ a yɛn atamfo no tee sɛ yɛateɛ, na nokorɛ Nyankopɔn no asɛe wɔn agyinatuo+ ama obiara asan kɔ n’adwuma so wɔ fasuo no ho ara pɛ, 16 ɛfiri saa da no, me mmeranteɛ+ no fã yɛɛ adwuma, na ɛfã nso kurakuraa mpea ne akyɛm ne agyan, na wɔhyehyɛɛ akotadeɛ;+ na mpanimfoɔ+ no gyinaa Yudafoɔ no nyinaa akyi. 17 Adansifoɔ a wɔreto fasuo no ne wɔn a wɔsoasoa nneɛma no nso, obiara de ne nsa baako yɛɛ adwuma, na ɔde baako+ nso kuraa akodeɛ.+ 18 Na adansifoɔ no bobɔɔ abɔsoɔ; obiara de ne nkrantɛ bɔɔ n’asene+ berɛ a ɔreyɛ adwuma,+ na deɛ ɔhyɛnee abɛn+ no gyinaa me nkyɛn.
19 Ɛnna meka kyerɛɛ atitire ne asoafoɔ+ ne nnipa a aka no sɛ: “Adwuma no sõ na ɛkɔ akyiri; yɛn ntam atete wɔ fasuo no ho na obiara ne ne yɔnko ntam twe. 20 Baabi a mobɛte sɛ wɔrehyɛne abɛn no, ɛhɔ na mommoaboa mo ho ano mmɛhyia yɛn nkyɛn. Yɛn Nyankopɔn na ɔbɛko ama yɛn.”+
21 Berɛ a yɛreyɛ adwuma no, na yɛn mu fã nso kurakura mpea firi adekyeeɛ kɔsi sɛ nsoromma bɛpuepue. 22 Saa berɛ no, meka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Momma mmarima no biara ne ne somfoɔ nna Yerusalem,+ na wɔnwɛn yɛn anadwo na wɔnyɛ adwuma awia.” 23 Na me+ ne me nuanom+ ne m’asomfoɔ+ ne mmarima a wɔwɛn+ me a wɔdi m’akyi no deɛ, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, na obiara kuraa n’akodeɛ+ wɔ ne nsa nifa mu.