Deuteronomium 7:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Mma wɔnntu w’akoma, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn pumpuni a ne ho yɛ hu.+ Nehemia 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Asɛm a mekaeɛ ne sɛ: “Ao, Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni a wo ho yɛ hu,+ na wokora apam+ ne adɔeɛ so ma wɔn a wɔdɔ woɔ+ na wɔdi wo mmara nsɛm soɔ,+ Dwom 47:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na Yehowa, Ɔsorosoroni no, ho yɛ hu,+Ɔyɛ Ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so.+ Dwom 65:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Wonam tenenee nneɛma a ɛyɛ hu so bɛgye yɛn so,+O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,+Wo a woyɛ asase ano ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri Ahotɔsoɔ.+
21 Mma wɔnntu w’akoma, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn pumpuni a ne ho yɛ hu.+
5 Asɛm a mekaeɛ ne sɛ: “Ao, Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni a wo ho yɛ hu,+ na wokora apam+ ne adɔeɛ so ma wɔn a wɔdɔ woɔ+ na wɔdi wo mmara nsɛm soɔ,+
5 Wonam tenenee nneɛma a ɛyɛ hu so bɛgye yɛn so,+O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,+Wo a woyɛ asase ano ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri Ahotɔsoɔ.+