Nehemia
4 Berɛ a Sanbalat+ tee sɛ yɛresan ato ɔfasuo no, ɛyɛɛ no ya na ne bo fuu paa, na daa na ɔdi Yudafoɔ no ho fɛ. 2 Ɔkaa no ne nuanom ne Samaria asraafoɔkuo no anim sɛ: “Ɛdeɛn na Yudafoɔ a wɔnni ahoɔden yi reyɛ yi? Ɛdeɛn koraa na wɔbɛtumi ayɛ? Wɔbɛtumi abɔ afɔreɛ? Wɔbɛtumi de da koro awie? Aboɔ dada a ahye awuo a ɛsum hɔ yi, wɔbɛtumi de ayɛ adepa bi?”+
3 Ammonni+ Tobia+ a ɔgyina ne nkyɛn no nso kaa sɛ: “Aboɔ fasuo a wɔreto yi, sakraman mpo bɛtumi abubu agu.”
4 O yɛn Nyankopɔn tie, nkurɔfoɔ yi rebu yɛn animtia;+ ma animguaseɛ no mmɛgu wɔn ankasa atifi,+ na ma nkurɔfoɔ nsoa wɔn nkɔ obi man so. 5 Nkata wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so, na mmu w’ani nngu so,+ ɛfiri sɛ wɔn a wɔreto ɔfasuo no, wɔadidi wɔn atɛm.
6 Enti yɛkɔɔ so too ɔfasuo no, na ne nyinaa keka sisii animu, na yɛto kɔɔ soro kɔduruu mfimfini. Ɔman no de akoma pa toaa so yɛɛ adwuma no.
7 Berɛ a Sanbalat ne Tobia+ ne Arabiafoɔ,+ Ammonfoɔ, ne Asdodfoɔ+ tee sɛ Yerusalem afasuo a wɔresiesie no renya nkɔso na akwan a ɛdeda mu no, wɔafiri aseɛ rekeka si animu no, wɔn bo fuu paa. 8 Enti wɔn nyinaa bɔɔ pɔ sɛ wɔne Yerusalem bɛba abɛko ama basabasayɛ aba hɔ. 9 Ɛnna yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na yɛde awɛmfoɔ sisii hɔ awia ne anadwo.
10 Nanso na Yudafoɔ no rekeka sɛ: “Wɔn a wɔsoasoa nneɛma no ahoɔden asa, na nwura nso sunsum hɔ pii; yɛrentumi nto ɔfasuo no da.”
11 Yɛn atamfo nso kekaa sɛ: “Wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛakɔ wɔn mu akɔkunkum wɔn ama adwuma no aka.”
12 Na berɛ biara a Yudafoɔ a wɔtete bɛn wɔn no bɛba no, na wɔtaa ka kyerɛ yɛn* sɛ: “Atamfo no bɛfiri mmeaeɛ nyinaa aba yɛn so.”
13 Enti memaa mmarima kɔgyinagyinaa ɔfasuo no ho, baabi a ɛwɔ fam a ɛhɔ da hɔ. Memaa nnipa no gyinagyinaa mmusua mmusua, na wɔde nsekan ne mpea ne agyan wɛneeɛ. 14 Berɛ a mehuu sɛ ehu aka wɔn no, ntɛm ara na mesɔre ka kyerɛɛ atitire+ ne asoafoɔ ne nnipa a aka no sɛ: “Monnsuro wɔn.+ Yehowa, deɛ ɔyɛ kɛseɛ na ne ho yɛ hu no,+ ɔno na monkae no; monko mma mo nuanom ne mo mma mmarima ne mo mma mmaa ne mo yerenom ne mo afie.”
15 Berɛ a yɛn atamfo no tee sɛ yɛn ho adwene a wɔafa no, yɛate na nokorɛ Nyankopɔn no asɛe wɔn agyinatuo no, yɛn nyinaa san kɔtoaa so yɛɛ ɔfasuo no ho adwuma. 16 Ɛfiri saa da no, me mmeranteɛ no fã yɛɛ adwuma,+ na ɛfã nso kurakuraa mpea ne akyɛm ne agyan, na wɔhyehyɛɛ dadeɛ ataadeɛ; na mpanimfoɔ+ no gyinaa Yudafoɔ a 17 wɔreto ɔfasuo no nyinaa akyi. Wɔn a wɔsoasoa nneɛma no de wɔn nsa baako yɛɛ adwuma, na wɔde baako nso kuraa akodeɛ. 18 Wɔn a wɔreto ɔfasuo no mu biara de ne sekan bɔɔ n’asene berɛ a ɔreyɛ adwuma no, na deɛ ɔbɛbɔ abɛn no nso,+ na ɔgyina me nkyɛn.
19 Ɛnna meka kyerɛɛ atitire ne asoafoɔ ne nnipa a aka no sɛ: “Adwuma no sõ na ɛtrɛ; yɛn ntam atete wɔ ɔfasuo no ho na obiara ne ne yɔnko ntam twe. 20 Sɛ mote sɛ wɔrebɔ abɛn no a, mommoaboa mo ho ano mmra baabi a yɛwɔ no. Yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.”+
21 Ɛno nti, yɛkɔɔ so yɛɛ adwuma no, na yɛn mu fã nso kurakuraa mpea firii adekyeeɛ kɔsii sɛ nsoromma pueeɛ. 22 Saa berɛ no, meka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Momma mmarima no mu biara ne ne somfoɔ nna Yerusalem, na wɔbɛwɛn yɛn anadwo na wɔayɛ adwuma awia.” 23 Enti me ne me nuanom ne m’asomfoɔ+ ne mmarima a wɔwɛn me a wɔdi m’akyi no anyiyi yɛn ntaadeɛ, na obiara kuraa n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.