Nehemia
5 Ne nyinaa mu no, na mmarima no ne wɔn yerenom redi abooboo kɛse, na na wɔrenwiinwii tia wɔn nuanom Yudafoɔ no.+ 2 Asɛm a na ebinom reka ne sɛ: “Yɛne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa dɔɔso. Yɛannya aduane a, ɛkɔm bɛku yɛn.” 3 Ebinom nso kaa sɛ: “Yɛde yɛn hwiit mfuo ne yɛn bobe mfuo ne yɛn afie resi awowa na ama yɛanya aduane wɔ ɛkɔm berɛ mu.” 4 Ɛnna afoforɔ nso kaa sɛ: “Yɛde yɛn hwiit mfuo ne yɛn bobe mfuo akɔgye bosea de atua ɔhene toɔ.+ 5 Yɛne yɛn nuanom nyinaa yɛ nnipa baako;* yɛn mma te sɛ wɔn mma. Nanso yɛreyɛ abrɛ yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa ase ama wɔayɛ nkoa ne mfenaa, na yɛn mma mmaa no mu bi mpo deɛ, yɛayɛ wɔn mfenaa dada.+ Yɛnni tumi biara nso a yɛde bɛsi ano, ɛfiri sɛ yɛn hwiit mfuo ne yɛn bobe mfuo akɔdi ebinom nsam.”
6 Berɛ a metee asɛm yi ne wɔn abooboo no, me bo fuu yie. 7 Enti mesusuu ho wɔ m’akomam, na m’ani annye deɛ atitire ne asoafoɔ no ayɛ no ho, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara mo nuanom na moregye wɔn nsiho.”+
Ɛnna wɔn nti memaa yɛbɔɔ dwa kɛseɛ. 8 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtɔn wɔn maa amanaman no, yɛayɛ deɛ yɛbɛtumi biara asan agye wɔn aba; afei moresan atɔn mo ara mo nuanom?+ Yɛnsan ntɔ wɔn bio anaa?” Mekaa saa no, wɔyɛɛ komm na wɔantumi anka hwee. 9 Ɛnna mekaa sɛ: “Adeɛ a moreyɛ yi nyɛ. Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn mmom na ɛsɛ sɛ mosuro no+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aman a wɔtan yɛn no rengu yɛn anim ase? 10 Me nso ɛyɛ a me ne me nuanom ne m’asomfoɔ de sika ne aduane fɛm wɔn a yɛnnye nsiho. Mesrɛ mo, momma yɛnnyae nsiho no gye.+ 11 Enti nsiho a mogye wɔ wɔn hwiit mfuo+ ne wɔn bobe mfuo ne wɔn ngodua mfuo ne wɔn afie ho ne nkyɛmu 100 a mogye* wɔ sika ne aduane ne bobesa foforɔ ne ngo so no, mesrɛ mo, monsan mfa mma wɔn nnɛ dua yi ara.”
12 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛbɛsan de ama wɔn, na yɛremmisa hwee mfiri wɔn hɔ. Yɛbɛyɛ deɛ woaka no pɛpɛɛpɛ.” Enti mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa mmarima no kekaa ntam sɛ wɔbɛdi bɔhyɛ yi so. 13 Ɛno akyi no, meporoporoo m’ataadeɛ mu* na mekaa sɛ: “Sɛ obi anni asɛm yi so a, ma nokorɛ Nyankopɔn no mporo no mfiri ne fie ne n’agyapadeɛ mu saa ara; wɔmporo no saa ara mma biribiara mmɔ no.” Ɛnna asafo no nyinaa gyee so sɛ: “Amen!”* Na wɔyii Yehowa ayɛ. Na ɔman no dii wɔn bɔhyɛ so.
14 Afei nso, ɛfiri da a ɔhene yɛɛ me amrado+ wɔ Yuda asaase so, Ɔhene Artasasta+ ahennie afe a ɛtɔ so 20+ kɔsi n’afe a ɛtɔ so 32+ no, mfirinhyia 12 nie, me ne me nuanom nyinaa, obiara annye aduane a wɔde ma amradofoɔ no.+ 15 Amradofoɔ a wɔdii m’anim no deɛ, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na da biara na wɔgye dwetɛ nnwetɛbena* 40 de tɔ aduane ne nsã.* Wɔn asomfoɔ nso hyɛɛ ɔman no so. Nanso me deɛ, Onyankopɔn a mesuro no nti,+ manyɛ saa.+
16 Afei ɔfasuo yi ho adwuma no, mesɔɔ mu bi; m’asomfoɔ nso, wɔn nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ hɔ maa adwuma no, na yɛannye asaase biara.+ 17 Berɛ a Yudafoɔ ne asoafoɔ 150, ne nnipa a wɔfiri amanaman no mu baa yɛn nkyɛn no, me pono so na wɔdidiiɛ. 18 Da biara na mema wɔsiesie nantwinini baako, nnwan nsia a wɔadɔre sradeɛ, ne ntakraboa ma me.* Dadu biara nso, na mema wɔde nsã* ahodoɔ ahodoɔ ba. Na mammisa aduane kyɛfa a wɔde ma amradofoɔ no, ɛfiri sɛ na adwuma a ɛda ɔman yi so no mu yɛ duru. 19 O me Nyankopɔn, deɛ mayɛ ama ɔman yi nti, kae me na wo ne me nni no yie.+