Nehemia
5 Na mmarima no ne wɔn yerenom dii abooboo kɛse na wɔnwiinwii+ tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no.+ 2 Ɛnna ebinom kaa sɛ: “Yɛde yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa resi awowa na ama yɛanya aduane adi atena ase.”+ 3 Ebinom nso kaa sɛ: “Yɛde yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo ne yɛn afie resi awowa+ na ama yɛanya aduane wɔ kɔm berɛ mu.” 4 Ɛnna afoforɔ nso kaa sɛ: “Yɛabɔ bosea wɔ yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo+ ho de atua ɔhene toɔ.+ 5 Yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam,+ na yɛn mma mmarima te sɛ wɔn mmarima. Nanso yɛreyɛ abrɛ yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa ase ayɛ nkoa,+ na yɛn mma mmaa no bi mpo deɛ, yɛabrɛ wɔn ase dada; na yɛnni tumi biara, ɛfiri sɛ yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo akɔdi ebinom nsam.”
6 Berɛ a metee asɛm yi ne wɔn abooboo no, me bo fuu yie. 7 Enti mesusuu ho m’akomam, na m’ani annye+ deɛ atitire ne asoafoɔ no ayɛ no ho, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Apoo+ na morebɔ mo nuanom yi.”
Ɛnna wɔn nti memaa wɔbɔɔ dwa kɛseɛ.+ 8 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛn na yɛgyee yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtɔn wɔn maa amanaman no san de wɔn baeɛ+ sɛdeɛ yɛn ahoɔden bɛtumi; moresan atɔn mo ara mo nuanom+ anaa, na yɛnsan ntɔ wɔn bio?” Mekaa saa no, wɔyɛɛ komm na wɔantumi anka hwee.+ 9 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adeɛ a moreyɛ yi nyɛ.+ Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn+ suro+ mu mmom na ɛsɛ sɛ monanteɛ, na amanaman a wɔtan yɛn+ no ammɔ yɛn ahohora?+ 10 Me nso me ne me nuanom ne m’asomfoɔ de sika ne aduane fɛm wɔn. Mesrɛ mo, momma yɛnnyae nsiho+ no gyeɛ. 11 Enti nsiho a mogye no wɔn mfuo+ ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngodua mfuo ne wɔn afie ho ne nkyɛmu ɔha a mogye no sika ne aduane ne nsã foforɔ ne ngo soɔ no, mesrɛ mo, monsan mfa mma wɔn nnɛ da yi ara.”
12 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛbɛsan de ama wɔn,+ na yɛremmisa hwee mfiri wɔn hɔ.+ Yɛbɛyɛ deɛ woaka no pɛpɛɛpɛ.”+ Enti mefrɛɛ asɔfoɔ no na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi asɛm yi so.+ 13 Ɛno akyi no, meporoporoo me kokom na mekaa sɛ: “Obiara a ɔrenni asɛm yi soɔ no, saa ara na nokorɛ Nyankopɔn no mporo no mfiri ne fie ne n’agyapadeɛ mu; saa kwan no so na wɔmporo no mma biribiara mmɔ no.” Na asafo no nyinaa gyee so sɛ: “Amen!”+ Na wɔyii Yehowa ayɛ.+ Na ɔman no dii asɛm yi so.+
14 Adeɛ baako nso nie: Ɛfiri da a ɔhene yɛɛ me amrado+ wɔ Yuda asase soɔ, Ɔhene Artasasta+ afe a ɛtɔ so aduonu+ kɔsi n’afe a ɛtɔ so aduasa mmienu+ soɔ no, mfirinhyia dumienu nie, me ne me nuanom mpo anni aduane a ɛsɛ sɛ wɔde ma amrado no.+ 15 Amradofoɔ a wɔdii m’anim no deɛ, wɔde nnesoa a ɛmu yɛ duro soaa ɔman no, na wɔgyee dwetɛ nnwetɛbena aduanan da biara da de tɔɔ aduane ne nsã. Wɔn asomfoɔ nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me deɛ, Onyankopɔn a mesuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+
16 Na fasuo yi ho adwuma nso mesɔɔ mu bi,+ na yɛannye afuo bi;+ m’asomfoɔ nso, wɔn nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ hɔ maa adwuma no. 17 Me pono so na Yudafoɔ ne asoafoɔ no, mmarima ɔha aduonum, ne wɔn a wɔfiri aman a atwa yɛn ho ahyia mu baa yɛn nkyɛn no didiiɛ.+ 18 Da biara na mema wɔsiesie nantwinini baako, nnwan a wɔadɔ nsia ne ntakraboa ma me. Na dadu biara nso mema wɔde nsã+ ahodoɔ nyinaa bi ba prɛko. Na mammisa aduane a ɛsɛ sɛ wɔde ma amrado no, ɛfiri sɛ adwuma a ɛda ɔman yi soɔ no mu yɛ duru. 19 O me Nyankopɔn,+ deɛ mayɛ ama ɔman yi nti,+ kae me+ na yɛ me yie.