Nehemia
6 Na ɛbaa sɛ berɛ a wɔka kyerɛɛ Sanbalat+ ne Tobia+ ne Arabiani+ Gesem+ ne yɛn atamfo a aka no sɛ masan ato fasuo no,+ na masisi ntokuro no nyinaa (nanso ɛde bɛsi saa berɛ no na mensisii ɛho apono) no,+ 2 ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ nhyia+ nkuraa no bi ase wɔ Ono+ asasetamaa no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔ adi me bɔne.+ 3 Ɛnna metuu abɔfoɔ maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Adwuma a mereyɛ no sõ,+ enti merentumi mma. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyi me nsa firi ho ba mo nkyɛn ma adwuma no ka?”+ 4 Na wɔsoma bɛkaa asɛm korɔ no ara kyerɛɛ me mprɛ nnan, na me nso memaa wɔn mmuaeɛ korɔ no ara.
5 Afei Sanbalat+ de asɛm korɔ no ara somaa ne somfoɔ baa me nkyɛn ne mprɛ nnum so, na na krataa a wɔnsɔɔ ano kura no. 6 Nsɛm a na wɔatwerɛ wom ne sɛ: “Wɔatete wɔ amanaman no mu, na Gesem+ nso reka bi sɛ wo ne Yudafoɔ no pɛ sɛ mote atua.+ Ɛno nti na moreto fasuo no; na sɛdeɛ nsɛm yi kyerɛ no, woreyɛ adi wɔn so hene.+ 7 Na woayiyi adiyifoɔ mpo sɛ wɔmpae mu nka wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Yuda anya ɔhene!’ Na saa nsɛm no, ɔhene bɛte. Enti bra ma yɛntu ho agyina.”+
8 Nanso mesoma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsɛm a woreka yi nnim,+ na mmom wo ara na woabɔ wo tirim reka.”+ 9 Ná wɔn nyinaa reyɛ deɛ ɛbɛma ehu aka yɛn, na wɔkekaa sɛ: “Wɔn nsam+ bɛgo ama adwuma no aka.” Enti mesrɛ wo, hyɛ me nsam den.+
10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie berɛ a na wato ne ho pono mu.+ Na ɔkaa sɛ: “Ma yɛnhyɛ berɛ nhyia+ nokorɛ Nyankopɔn fie, wɔ asɔredan no mu,+ na yɛntoto apono no mu na wɔreba abɛku wo; anadwo+ na wɔbɛba abɛku woɔ.” 11 Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima te sɛ me na mennwane?+ Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya ne tiri adidi mu?+ Merenhyɛn mu!” 12 Enti meyɛɛ nhwehwɛmu, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn+ na ɔsomaa no, na mmom Tobia ne Sanbalat+ na wɔbɔɔ no paa+ nti na ɔhyɛɛ+ nkɔm saa tiaa me. 13 Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa+ ne sɛ, ɛbɛma ehu aka me+ na mayɛ saa, na mayɛ bɔne+ anya dimmɔne,+ na wɔanya me abɔ me ahohora.+
14 O me Nyankopɔn, kae+ deɛ Tobia+ ne Sanbalat reyɛ yi ne wɔn mu biara nnwuma ne odiyifoɔbaa+ Noadia ne adiyifoɔ a aka a daa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ehu aka me no.
15 Na wɔwiee fasuo+ no toɔ wɔ Elul da a ɛtɔ so aduonu nnum no; ɛgyee nnafua aduonum mmienu.
16 Berɛ a yɛn atamfo+ nyinaa teeɛ, na aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa hunuiɛ no, animguaseɛ kɛseɛ kaa wɔn, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn+ nti na yɛatumi awie adwuma yi. 17 Saa nna no mu nso ná Yuda atitire+ no twerɛtwerɛ nkrataa pii kɔma Tobia,+ na na Tobia nso twerɛ bi brɛ wɔn. 18 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa pii wɔ Yuda a wɔakɔ n’afã ɛfiri sɛ na ɔyɛ Arah+ ba Sekania asebarima, na na ne ba Yehohanan nso ware Berekia ba Mesulam+ babaa. 19 Afei nso daa na wɔka ne ho nsɛmpa kyerɛ me,+ na wɔkɔka me nso m’anom nsɛm kyerɛ no. Tobia twerɛtwerɛɛ nkrataa a ɛbɛma ehu+ aka me brɛɛ me.