51 Sɛ ɛhia sɛ motutu ntomadan no kɔ baabi foforɔ a, ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no na wɔtutuo,+ na sɛ mokɔsoɛ baabi a, ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no na wɔsi ntomadan no. Onipahunu biara a ɔbɛba ho no, wɔnku no.+
7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ nyɛ mo asɔfodwuma no pɛpɛɛpɛ, afɔrebukyia no ne deɛ ɛwɔ ntwamutam+ no akyi no ho biribiara. Na monsom+ wɔ hɔ. Mede asɔfodie adwuma no ama mo sɛ akyɛdeɛ, na onipahunu a ɔbɛbɛn ho no, wɔnku no.”+
19 Nanso Usia bo fuiɛ.+ Saa berɛ no na ɔkura aduhwamhyeɛ adeɛ+ no, na berɛ a ɔfaa asɔfoɔ no ho abufuo no, kwata+ fifirii ne moma so prɛko pɛ,+ asɔfoɔ no anim wɔ aduhwam afɔrebukyia no nkyɛn, Yehowa fie hɔ.