Nehemia
7 Na berɛ a wɔsan too fasuo no wieeɛ ara pɛ,+ mesisii apono no.+ Ɛnna wɔyiyii apono ano ahwɛfoɔ+ ne nnwontofoɔ+ ne Lewifoɔ.+ 2 Na mede Yerusalem hyɛɛ Hanani+ a ɔyɛ me nua, ne Hanania, Abankɛseɛ+ mu bapɔmma no nsa, ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ+ a ɔsuro+ nokorɛ Nyankopɔn sene nnipa bebree. 3 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ moma wɔbue Yerusalem apono+ no kɔsi berɛ a awia ano bɛyɛ den; wɔntoto apono no mu mmram akyire+ berɛ a wɔgyinagyina ho no. Na momfa Yerusalemfoɔ nsisi hɔ sɛ awɛmfoɔ, na obiara nnyina n’awɛneeɛ wɔ ne fie anim.”+ 4 Saa berɛ no, na kuro no mu trɛ na ɛsõ, na na emu nnipa yɛ kakraa bi,+ na wɔnsisii adan biara.
5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ m’akoma mu+ sɛ memmoaboa atitire ne asoafoɔ ne ɔmanfoɔ no ano mma wɔntwerɛ wɔn din na akyerɛ mmusua a wɔfiri mu.+ Ɛnna mehunuu nwoma a wɔatwerɛ wɔn a wɔdii kan baeɛ no din wom sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ;+ deɛ na wɔatwerɛ no mu nie:
6 Nnommum+ a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn kɔɔ nkoasom mu no,+ yeinom ne wɔn a akyire yi wɔfiri mantam+ no mu san baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+ 7 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai,+ Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, ne Baanah baeɛ.
Israel mmarima no dodoɔ nie: 8 Paros+ mma, mpem mmienu ɔha aduɔson mmienu; 9 Sefatia+ mma, ahasa aduɔson mmienu; 10 Arah+ mma, ahansia aduonum mmienu; 11 Pahat-Moab+ mma Yesua ne Yoab+ mma, mpem mmienu ahanwɔtwe ne dunwɔtwe; 12 Elam+ mma, apem ahanu aduonum nnan; 13 Satu+ mma, ahanwɔtwe aduanan nnum; 14 Sakai+ mma, ahanson aduosia; 15 Binui+ mma, ahansia aduanan nwɔtwe; 16 Bebai+ mma, ahansia aduonu nwɔtwe; 17 Asgad+ mma, mpem mmienu ahasa aduonu mmienu; 18 Adonikam+ mma, ahansia aduosia nson; 19 Bigwai+ mma, mpem mmienu ne aduosia nson; 20 Adin+ mma, ahansia aduonum nnum; 21 Hesekia aseni Ater+ mma, aduɔkron nwɔtwe; 22 Hasum+ mma, ahasa aduonu nwɔtwe; 23 Bisai+ mma, ahasa aduonu nnan; 24 Harif+ mma, ɔha ne dumienu; 25 Gibeon+ mma, aduɔkron nnum; 26 Betlehem+ ne Netofa+ mmarima, ɔha aduɔwɔtwe nwɔtwe; 27 Anatot+ mmarima, ɔha aduonu nwɔtwe; 28 Bet-Asmawet+ mma, aduanan mmienu; 29 Kiriat-Yearim+ ne Kefira+ ne Beerot+ mmarima, ahanson aduanan mmiɛnsa; 30 Rama+ ne Geba+ mmarima, ahansia aduonu baako; 31 Mikmas+ mmarima, ɔha aduonu mmienu; 32 Betel+ ne Ai+ mmarima, ɔha aduonu mmiɛnsa; 33 Nebo+ foforɔ bi mmarima, aduonum mmienu; 34 Elam+ foforɔ bi mma, apem ahanu aduonum nnan; 35 Harim+ mma, ahasa aduonu; 36 Yeriko+ mmarima, ahasa aduanan nnum; 37 Lod+ ne Hadid+ ne Ono+ mmarima, ahanson aduonu baako; 38 Senaa+ mmarima, mpem mmiɛnsa ahankron aduasa.
39 Asɔfoɔ no nie: Yedaia+ a ɔfiri Yesua fie mma, ahankron aduɔson mmiɛnsa; 40 Imer+ mma, apem ne aduonum mmienu; 41 Pasur+ mma, apem ahanu aduanan nson; 42 Harim+ mma, apem ne dunson.
43 Lewifoɔ nie: Kadmiel+ a ɔfiri Hodewa+ mma mu no ba Yesua mma, aduɔson nnan. 44 Nnwontofoɔ+ no, Asaf+ mma, ɔha aduanan nwɔtwe. 45 Apono ano ahwɛfoɔ;+ Salum+ mma, Ater mma, Talmon+ mma, Akub+ mma, Hatita mma, Sobai+ mma, ɔha aduasa nwɔtwe.
46 Netinimfoɔ+ nie: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot+ mma, 47 Keros mma, Sia mma, Padon+ mma, 48 Lebana mma, Hagaba+ mma, Salmai mma, 49 Hanan+ mma, Gidel mma, Gahar mma, 50 Reaia+ mma, Resin+ mma, Nekoda mma, 51 Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, 52 Besai+ mma, Meunim mma, Nefusesim+ mma, 53 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur+ mma, 54 Baslit mma, Mehida mma, Harsa+ mma, 55 Barkos mma, Sisera mma, Temah+ mma, 56 Nesia mma, Hatifa+ mma.
57 Solomon nkoa+ no mma nie: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma,+ 58 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma,+ 59 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, Amon mma.+ 60 Netinimfoɔ+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodoɔ yɛ ahasa aduɔkron mmienu.
61 Yeinom nso ne wɔn a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer+ san baeɛ a wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wɔfiri mu, sɛ wɔyɛ Israelfoɔ anaa wɔnyɛ bie no: 62 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma,+ ahansia aduanan mmienu. 63 Wɔn mu asɔfoɔ nie:+ Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai+ mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmaa no baako na wɔde wɔn din too no no. 64 Yeinom ne wɔn a wɔhwehwɛɛ twerɛtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wɔfiri mu nanso wɔanhunu no.+ Ɛno nti wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nte na wɔamma wɔanni asɔfoɔ.+ 65 Yei nti amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi+ akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ de Urim+ ne Tumim*+ bɛgyina hɔ.
66 Nnipadɔm no nyinaa dodoɔ si mpem aduanan mmienu ahasa aduosia,+ 67 wɔn nkoa+ ne wɔn mfenaa nka ho; wɔn nso dodoɔ yɛ mpemnson ahasa aduasa nson;+ afei nso na wɔwɔ nnwontofoɔ, mmarima+ ne mmaa+ ahanu aduanan nnum. 68 Ná wɔn apɔnkɔ si ahanson aduasa nsia; wɔn mfunumupɔnkɔ, ahanu aduanan nnum.+ 69 Ná yoma no yɛ ahanan aduasa nnum, na mfunumu+ no yɛ mpemnsia ahanson aduonu.+
70 Agyanom+ mmusua mu atitire+ no fã bi de akyɛdeɛ bɛboaa adwuma no.+ Amrado+ no ara de sika drakma apem, nyaawa aduonum, ne asɔfotadeɛ+ ahannum aduasa bɛkaa akoradeɛ no ho. 71 Agyanom mmusua mu atitire no bi nso de sika drakma mpem aduonu ne dwetɛ mmɛnnaa mpem mmienu ahanu bɛkaa akoradeɛ no ho sɛ wɔmfa mmoa adwuma no.+ 72 Na nneɛma a ɔmanfoɔ a aka no de maeɛ no si sika drakma mpem aduonu ne nnwetɛbena mpem mmienu ne asɔfotadeɛ aduosia nson.
73 Na asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ+ ne nnipa no binom ne Netinimfoɔ+ ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.+ Bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ no,+ na Israel mma akɔtenatena wɔn nkuro mu.+