Esra
2 Nnommum+ a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔn kɔɔ nkoasom+ mu wɔ Babilon no, yeinom ne wɔn a akyire yi wɔfiri mantam+ no mu san baa+ Yerusalem ne Yuda+ maa obiara kɔɔ ne kurom; 2 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Seraia,+ Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, ne Baanah baeɛ.
Israel mmarima no dodoɔ nie: 3 Paros+ mma, mpem mmienu ɔha aduɔson mmienu; 4 Sefatia+ mma, ahasa aduɔson mmienu; 5 Arah+ mma, ahanson aduɔson nnum; 6 Pahat-Moab+ mma Yesua ne Yoab+ mma, mpem mmienu ahanwɔtwe ne dumienu; 7 Elam+ mma, apem ahanu aduonum nnan; 8 Satu+ mma, ahankron aduanan nnum; 9 Sakai+ mma, ahanson aduosia; 10 Bani+ mma, ahansia aduanan mmienu; 11 Bebai+ mma, ahansia aduonu mmiɛnsa; 12 Asgad+ mma, apem ahanu aduonu mmienu; 13 Adonikam+ mma, ahansia aduosia nsia; 14 Bigwai+ mma, mpem mmienu ne aduonum nsia; 15 Adin+ mma, ahanan aduonum nnan; 16 Hesekia aseni Ater+ mma, aduɔkron nwɔtwe; 17 Bisai+ mma, ahasa aduonu mmiɛnsa; 18 Yora mma, ɔha ne dumienu; 19 Hasum+ mma, ahanu aduonu mmiɛnsa; 20 Giba+ mma, aduɔkron nnum; 21 Betlehem+ mmarima, ɔha aduonu mmiɛnsa; 22 Netofa+ mmarima, aduonum nsia; 23 Anatot+ mmarima, ɔha aduonu nwɔtwe; 24 Asmawet+ mmarima, aduanan mmienu; 25 Kiriat-Yearim+ ne Kefira ne Beerot mmarima, ahanson aduanan mmiɛnsa; 26 Rama+ ne Geba+ mmarima, ahansia aduonu baako; 27 Mikmas+ mmarima, ɔha aduonu mmienu; 28 Betel+ ne Ai+ mmarima, ahanu aduonu mmiɛnsa; 29 Nebo+ mmarima, aduonum mmienu; 30 Magbis mmarima, ɔha aduonum nsia; 31 Elam+ foforɔ bi mma, apem ahanu aduonum nnan; 32 Harim+ mma, ahasa aduonu; 33 Lod+ ne Hadid+ ne Ono+ mmarima, ahanson aduonu nnum; 34 Yeriko+ mmarima, ahasa aduanan nnum; 35 Senaa+ mmarima, mpem mmiɛnsa ahansia aduasa.
36 Asɔfoɔ+ no nie: Yedaia+ a ɔfiri Yesua+ fie mma, ahankron aduɔson mmiɛnsa; 37 Imer+ mma, apem ne aduonum mmienu; 38 Pasur+ mma, apem ahanu aduanan nson; 39 Harim+ mma, apem ne dunson.
40 Lewifoɔ+ nie: Hodawia+ mma Yesua+ ne Kadmiel+ mma, aduɔson nnan. 41 Nnwontofoɔ no, Asaf+ mma, ɔha aduonu nwɔtwe. 42 Apono ano ahwɛfoɔ mma; Salum+ mma, Ater+ mma, Talmon+ mma, Akub+ mma, Hatita+ mma, Sobai mma, wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔha aduasa nkron.
43 Netinimfoɔ+ nie: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot+ mma, 44 Keros mma, Siaha mma, Padon+ mma, 45 Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma, 46 Hagab mma, Salmai+ mma, Hanan mma, 47 Gidel mma, Gahar+ mma, Reaia mma, 48 Resin+ mma, Nekoda mma, Gasam mma, 49 Usa mma, Pasea+ mma, Besai mma, 50 Asna mma, Meunim mma, Nefusim+ mma; 51 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur+ mma, 52 Baslut mma, Mehida mma, Harsa+ mma, 53 Barkos mma, Sisera mma, Temah+ mma, 54 Nesia mma, Hatifa+ mma.
55 Solomon+ nkoa no mma nie: Sotai mma, Soferet mma, Peruda+ mma, 56 Yaala mma, Darkon mma, Gidel+ mma, 57 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, Ami+ mma.
58 Netinimfoɔ+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodoɔ yɛ ahasa aduɔkron mmienu.+
59 Yeinom nso ne wɔn a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baeɛ a wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wɔfiri mu,+ sɛ wɔyɛ Israelfoɔ anaa wɔnyɛ bie no: 60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda+ mma, ahansia aduonum mmienu. 61 Wɔn mu asɔfoɔ+ mma nie: Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai+ mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmaa no baako na wɔde wɔn din too no no. 62 Yeinom ne wɔn a wɔhwehwɛɛ twerɛtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wɔfiri mu nanso wɔanhunu no. Ɛno nti wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nte na wɔamma wɔanni asɔfoɔ.+ 63 Yei nti amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrentumi nni+ akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ de Urim+ ne Tumim* bɛgyina hɔ.
64 Nnipadɔm+ no nyinaa dodoɔ si mpem aduanan mmienu ahasa aduosia,+ 65 wɔn nkoa ne wɔn mfenaa nka ho; wɔn nso dodoɔ yɛ mpemnson ahasa aduasa nson; afei nso na wɔwɔ mmarima nnwontofoɔ+ ne mmaa nnwontofoɔ, ahanu. 66 Ná wɔn apɔnkɔ si ahanson aduasa nsia; wɔn mfunumupɔnkɔ, ahanu aduanan nnum;+ 67 wɔn yoma, ahanan aduasa nnum; wɔn mfunumu, mpemnsia ahanson aduonu.+
68 Berɛ a agyanom mmusua+ mu atitire+ bɛduruu Yehowa fie+ a na ɛwɔ Yerusalem+ no, wɔn mu binom firii wɔn pɛ mu+ de afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa mma nokorɛ Nyankopɔn fie no so nsi ne sibea.+ 69 Wɔde sika+ drakma mpem aduosia baako, ne dwetɛ+ mmɛnnaa mpem nnum, ne asɔfotadeɛ+ ɔha baeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi, sɛ wɔmfa mmoa adwuma no. 70 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ne nnipa+ no binom ne nnwontofoɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ ne Netinimfoɔ no bɛtenatenaa wɔn nkuro mu, na Israelfoɔ no nyinaa tenatenaa wɔn nkuro+ mu.