3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ soɔ no nyinaa so.+
37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne m’anibereɛ mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+
13 Mɛyi wɔn+ afiri aman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsase so de wɔn aba wɔn asase so.+ Na mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, nsutene ho, asase no so tenabea nyinaa.+