3 “Na me ara mɛboaboa me nnwankuo nkaeɛ ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee soɔ no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+
3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfoɔ no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm nie.’”
17 “Enti ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛsesa mo afiri aman no mu na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔapete mo kɔ soɔ no so, na mede Israel asase bɛma mo.+
25 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ meboaboa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn kɔ soɔ no mu a,+ me din ho bɛte wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asase so,+ asase a mede maa m’akoa Yakob no.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekyere nkuro a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+