Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 11:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Saa da no, Yehowa bɛtene ne nsa ne mprenu so+ de agye ne man nkaeɛ afiri Asiria+ ne Egypt,+ Patros+ ne Kus,+ Elam+ ne Sinar,+ Hamat ne po so nsupɔ+ nyinaa so.

  • Yeremia 30:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+

  • Yeremia 32:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne m’anibereɛ mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+

  • Hesekiel 20:42
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 42 “‘Na sɛ mede mo bɛduru Israel asase+ a memaa me nsa so kaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no so a, mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+

  • Hesekiel 34:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Mɛyi wɔn+ afiri aman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsase so de wɔn aba wɔn asase so.+ Na mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, nsutene ho, asase no so tenabea nyinaa.+

  • Hesekiel 36:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Na mɛyi mo afiri aman so na maboaboa mo ano afiri nsase nyinaa so de mo aba mo asase so.+

  • Hesekiel 37:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me man, hwɛ, merebuebue mo adamena ano,+ na mɛyi mo afiri mo adamena mu de mo akɔ Israel asase so.+

  • Amos 9:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekyere nkuro a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane