Yesaia
11 Duforɔ+ bi bɛfifi afiri Yese dunsini mu,+ na duban+ bɛfiri ne nhini mu aso aba.+ 2 Yehowa honhom bɛsi ne so,+ nyansa+ ne nteaseɛ+ honhom, afotuo ne tumi honhom,+ nimdeɛ+ ne Yehowa suro honhom.+ 3 Yehowa suro+ bɛyɛ no anika.
Ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛyi ntɛn.+ 4 Na ɔde atɛntenenee bɛbu ahiafoɔ atɛn+ na ɔde tenenee ayi asase so ahobrɛasefoɔ ntɛn. Na ɔde n’anom abaa+ bɛbɔ asase no na ɔde n’anom honhom akum abɔnefoɔ.+ 5 Ɔde tenenee bɛyɛ abɔsoɔ abɔ n’asene+ na ɔde nokorɛdie akyekyere ne sisi.+
6 Na pataku ne adwammaa bɛtena*+ na sebɔ ne abirekyie ba ada faako, na nantwie ba ne gyata+ ne aboa a wadɔre bɛbom atena faako+ na abarimaa ketewa aka wɔn. 7 Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi na wɔn mma ada faako. Na gyata mpo bɛwe wura sɛ nantwinini.+ 8 Akɔkoaa bɛgoro ɔprammire+ amena ano na abɔfra a watwa nufoɔ de ne nsa aka ahuritia bɔn. 9 Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe adeɛ bio wɔ me bepɔ kronkron+ no nyinaa so, ɛfiri sɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛdeɛ nsuo akata po soɔ no.+
10 Saa da no,+ Yese nhini+ bɛgyina sɛ ahyɛnsodeɛ ama aman nyinaa.+ Na amanaman bɛhwehwɛ n’akyiri kwan,+ na n’asoɛeɛ bɛyɛ animuonyambea.+
11 Saa da no, Yehowa bɛtene ne nsa ne mprenu so+ de agye ne man nkaeɛ afiri Asiria+ ne Egypt,+ Patros+ ne Kus,+ Elam+ ne Sinar,+ Hamat ne po so nsupɔ+ nyinaa so. 12 Na ɔbɛma ahyɛnsodeɛ bi so ama aman no na waboaboa Israelfoɔ a wɔapeteɛ no ano,+ na ɔbɛka Yudafoɔ a wɔahweteɛ no afiri asase no afanan+ nyinaa aboa ano.
13 Na Efraim anibereɛ bɛfiri hɔ,+ na wɔbɛtwa wɔn a wɔtan Yuda no agu. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda renhiahia Efraim ho bio.+ 14 Wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so wɔ atɔeɛ,+ na wɔbɛbom afom Apueeɛfoɔ.+ Wɔbɛdi Edom ne Moab so+ na Ammonfoɔ abɛhyɛ wɔn ase.+ 15 Na Yehowa bɛtwa Egypt po+ no kɛtrɛma, na ɔde ne honhom hyeehyeɛ no bɛhim ne nsa wɔ asubɔnten kɛseɛ+ no so. Na ɔbɛbɔ n’asutene nson no na wama nnipa de wɔn mpaboa mpo afa mu.+ 16 Na ɔkwantempɔn+ bɛfiri Asiria abɛda hɔ ama ne man nkaefoɔ+ a wɔaka no,+ sɛdeɛ ebi bɛdaa hɔ da a Israel firii Egypt asase soɔ no.