18 “Yuda fie ne Israel fie+ bɛbɔ anan+ anante saa nna no mu, na wɔn mmienu bɛfiri adi afiri atifi asase so akɔ asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapadeɛ no so.+
16 “Onipa ba, hwehwɛ dua+ bi na twerɛ so sɛ, ‘Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no dea.’+ Fa dua foforɔ nso na twerɛ so sɛ, ‘Yosef dea, Efraim dua,+ ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa.’+
19 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no bɛka Yuda dua ho, na mɛma no ayɛ dua baako,+ na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.”’
11 Na wɔbɛka Yudafoɔ ne Israelfoɔ abom ayɛ wɔn baako+ na wɔde baako asi wɔn so sɛ wɔn ti; na wɔbɛfiri asase no so aba,+ na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.+