Hosea
1 Asɛm a Yehowa+ ka kyerɛɛ Beeri ba Hosea+ wɔ Yuda ahemfo Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas+ ba no berɛ so nie.+ 2 Yehowa firii aseɛ ne Hosea kasaeɛ, na Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “Kɔfa+ ɔbaa dwamanfoɔ ne adwaman mma, ɛfiri sɛ adwamammɔ nti na asase no firii Yehowa akyi.”+
3 Enti ɔkɔfaa Diblaim ba Gomer, na ɔnyinsɛn woo ɔbabarima maa no.+
4 Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “To ne din Yesreel,+ na aka kakraa bi na mama Yehu+ fie abu Yesreel mogyahwieguo ho akonta na mama Israel fie nnisoɔ to atwa.+ 5 Saa da no, mɛbu Israel agyan+ mu wɔ Yesreel asasetamaa so.”
6 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabaa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “To ne din Lo-Ruhama,+ ɛfiri sɛ merenhu Israel fie mmɔbɔ bio,+ na mɛyi wɔn akɔ.+ 7 Nanso mɛhu Yuda fie mmɔbɔ,+ na me Yehowa wɔn Nyankopɔn, mɛgye wɔn,+ na ɛnyɛ agyan anaa nkrantɛ anaa ɛko anaa apɔnkɔ anaa apɔnkɔsotefoɔ so na mɛfa agye wɔn.”+
8 Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ akyi no, ɔnyinsɛn bio woo ɔbabarima. 9 Na ɔkaa sɛ: “To ne din Lo-Ami, ɛfiri sɛ ɛnyɛ me man ne mo, na menyɛ mo Nyankopɔn.
10 “Na Israelfoɔ bɛdɔɔso sɛ mpoano anwea a wɔntumi mmu wɔn ano na wɔntumi nkan wɔn.+ Na faako a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’+ 11 Na wɔbɛka Yudafoɔ ne Israelfoɔ abom ayɛ wɔn baako+ na wɔde baako asi wɔn so sɛ wɔn ti; na wɔbɛfiri asase no so aba,+ na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.+