Hosea
2 “Monka nkyerɛ mo nua mmarima sɛ, ‘Me man!’+ na monka nkyerɛ mo nua mmaa sɛ, ‘O ɔbaa a wɔahu no mmɔbɔ!’+ 2 Mo ne mo maame nni;+ mo ne no nni asɛm, ɛfiri sɛ ɔnyɛ me yere+ na menyɛ ne kunu.+ Ɔnyi n’adwamammɔ mfiri n’anim na ɔnyi n’awaresɛeɛ mfiri ne nufo ntam,+ 3 na mampa ne ho ntoma+ amma no anyɛ sɛ da a wɔwoo no,+ na manyɛ no sɛ serɛ so,+ na wanyɛ sɛ asase kesee,+ na mamma sukɔm anku no.+ 4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ adwamammɔ mu mma.+ 5 Wɔn maame abɔ adwaman.+ Na deɛ ɔnyinsɛn wɔn no ayɛ aniwudeɛ,+ na ɔkaa sɛ, ‘Mepɛ sɛ mekɔdi m’adɔfo akyi,+ wɔn a wɔma me aduane ne nsuo ne kuntu ne ntoma ne ngo ne nsã no.’+
6 “Enti mede nkasɛɛ bɛgye ban asi wo kwan, na mede aboɔ bɛto fasuo+ na wanhunu ne kwan.+ 7 Na ɔbɛtĩ n’adɔfo, nanso ɔrento wɔn;+ ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn. Na ɔbɛka sɛ, ‘Mepɛ sɛ mesan kɔ me kunu+ dada no nkyɛn,+ ɛfiri sɛ saa berɛ no na ɛyɛ ma me sene nnɛ.’+ 8 Nanso wanhunu+ sɛ me na memaa no ayuo+ ne nsã dɔkɔdɔkɔ ne ngo, na me na memaa ne dwetɛ ne ne sika kɔkɔɔ dɔɔso, deɛ wɔde som Baal no.+
9 “‘Enti mɛsan abɛgye m’ayuo ne me nsã dɔkɔdɔkɔ afiri ne nsam wɔ ne berɛ mu,+ na mɛyi me kuntu ne me ntoma a ɔde kata n’adagya soɔ no afiri ne ho.+ 10 Na mɛma ne ho ada so wɔ n’adɔfo anim,+ na barima biara nni hɔ a ɔbɛhwim no afiri me nsam.+ 11 Na mɛma n’ahurisidie,+ afahyɛ,+ bosome foforɔ,+ homeda, ne ne nnapɔnna nyinaa to atwa. 12 Na mɛsɛe ne bobe+ ne ne borɔdɔma+ nnua a ɔkaa ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ akyɛdeɛ a m’adɔfo de maa me” no, na mɛma no adane kwaeɛ+ na wuram mmoa awe. 13 Na ɛsiane sɛ ɔde gya bɔɔ afɔdeɛ+ maa Baal ahoni,+ na ɔde kawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho+ dii n’adɔfo akyi,+ na ne werɛ firii me nti,+ mɛma no abu saa nna no ho akonta,’+ Yehowa asɛm nie.
14 “‘Enti me ne no bɛkasa na mama no akɔ serɛ so;+ mɛkasa ama no aka n’akoma.+ 15 Ɛfiri saa berɛ no rekorɔ no, mede ne bobe nturo bɛma no,+ na Akor bɔn+ no bɛdane anidasoɔ pono. Ɛhɔ na ɔbɛgye so sɛdeɛ ɔyɛɛ ne mmabaaberɛ mu no,+ te sɛ berɛ a ɔfiri Egypt asase so baeɛ no.+ 16 Saa da no, wobɛfrɛ me “Me kunu,” na woremfrɛ me “Me wura”* bio,’+ Yehowa asɛm nie.
17 “‘Na mɛyi Baal ahoni din afiri n’anom,+ na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.+ 18 Na me ne wuram mmoa, ne ewiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam saa da no ama wɔn,+ na mɛbubu agyan ne nkrantɛ mu na mayi akodie afiri asase no so,+ na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+ 19 Mɛsi wo asiwa ama woayɛ me dea daa;+ mɛsi wo asiwa wɔ tenenee ne atɛntenenee ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu mu.+ 20 Mɛsi wo asiwa wɔ nokorɛdie mu; na afei wobɛhunu Yehowa.’+
21 “Yehowa asɛm nie: ‘Saa da no, mɛgye so; mɛgye ɔsoro so na ɛno nso agye asase so,+ 22 na asase no nso bɛgye ayuo+ ne nsã ne ngo so; na yeinom nso bɛgye Yesreel* so.+ 23 Na mɛdua no sɛ aba wɔ asase so,+ na deɛ wɔanhu no mmɔbɔ no, mɛhu no mmɔbɔ,+ na mɛka akyerɛ wɔn a wɔnyɛ me man no sɛ: “Woyɛ me man,”+ na wɔn nso aka sɛ: “Woyɛ me Nyankopɔn.”’”+