Hosea
2 “Monka nkyerɛ mo nua mmarima sɛ, ‘Me man!’*+
Na monka nkyerɛ mo nua mmaa sɛ, ‘O ɔbaa a wɔahu no mmɔbɔ!’*+
Ɔnyi n’adwamammɔ* no mfiri ne ho,
Na ɔnyi n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufo ntam,
3 Anyɛ saa a, mɛpa ne ho ama wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no no.
Mɛma no ayɛ sɛ serɛ so,
Na mɛma no ayɛ sɛ asaase a ɛso awo,
Na mɛma sukɔm aku no.
4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ,
Ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.
Deɛ ɔnyinsɛn wɔn no ayɛ aniwudeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ,
‘Mɛkɔ akɔdi me mpenafoɔ akyi;+
Wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo,
Ne me kuntu ne me ntoma ne me ngo ne me nsã.’
6 Enti mede nkasɛɛ bɛgye ban asi wo kwan;
Na mede aboɔ bɛto fasuo asi no kwan,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenhunu kwan.
8 Wanhunu sɛ me na memaa no hwiit*+ ne bobesa foforɔ ne ngo,
Na wanhunu sɛ me na memaa no dwetɛ pii,
Ɛne sika kɔkɔɔ a wɔde som Baal no.+
9 ‘Ɛno nti, mɛsan aba, na mabɛgye me hwiit* afiri ne nsam twaberɛ mu,
Na mɛgye me bobesa foforɔ afiri ne nsam berɛ a wɔtete bobe,+
Na mɛyi me kuntu ne me ntoma a ɔde kata n’adagya so no afiri ne ho.
11 Mɛma n’anigyeɛ nyinaa to atwa,
N’afahyɛ ahodoɔ,+ n’abosome foforɔ, ne home nna, ne ne nnapɔnna nyinaa, ɛtoɔ bɛtwa.
12 Na mɛsɛe ne bobe nnua ne ne borɔdɔma nnua. Saa nnua no, ɔkaa ho asɛm sɛ:
“Ɛyɛ m’akatua; me mpenafoɔ na ɛde maa me.”
Mɛdane no kwaeɛ,
Na wuram mmoa awe.
13 Na mɛma no abu nna a ɔbɔɔ afɔreɛ maa Baal ahoni no ho akonta,+
Nna a ɔde nkawa ne agudeɛ siesiee ne ho, na ɔkɔdii ne mpenafoɔ akyi no.
Na me deɛ, ne werɛ fii me,’+ Yehowa asɛm nie.
15 Ɛfiri saa berɛ no rekɔ no, mɛsan de ne bobefuo* ama no,+
Na mɛma no afa Akor Bɔn no mu*+ akɔ anidasoɔ mu;
Ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛdeɛ ɔyɛɛ ne mmabaaberɛm no,
Te sɛ berɛ a ɔfiri Egypt asaase so baeɛ no.’+
18 Saa da no, me ne wuram mmoa bɛyɛ apam ama wɔn,+
Na me ne wiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam ama wɔn;+
Mɛyi agyan ne sekan ne akodie afiri asaase no so,+
Na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+
19 Mɛgye wo awareɛ,* na woayɛ me dea daa;
Meka ntam sɛ me ne wo bɛtena tenenee ne atɛntenenee mu,
Na mada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne mmɔborɔhunu adi akyerɛ wo.+
21 Yehowa asɛm nie: ‘Saa da no, mɛgye so;
Mɛgye ɔsoro so,
Na ɔsoro nso agye asaase so;+
Na wɔbɛka sɛ: “Woyɛ me Nyankopɔn.”’”+