Hosea
3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “San kɔ, kɔdɔ ɔbaa a ɔbarima foforɔ dɔ no, ɔbaa a wasɛe awareɛ no.+ Kɔdɔ no sɛdeɛ Yehowa dɔɔ Israelfoɔ+ berɛ a wɔfirii n’akyi kɔdii anyame foforɔ akyi,+ a wɔn ani gyee bobe keeki* ho no.”
2 Enti mede nnwetɛbena 15 ne baali* homar susudeɛ* baako ne fã kɔtɔɔ no. 3 Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛyɛ me dea nna pii. Mmɔ adwaman* bio, na wo ne ɔbarima foforɔ nnkɔda, na me nso saa ara na me ne wo bɛtena.”*
4 Ná Israelfoɔ bɛtena hɔ nna pii a wɔrennya ɔhene+ anaa ɔberempɔn, wɔremmɔ afɔreɛ, wɔrennya bosom dum anaa efɔd*+ anaa terafim honi* biara.+ 5 Ɛno akyi no, Israelfoɔ bɛsan aba, na wɔabɛhwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne wɔn hene Dawid.+ Na wɔde ahopopoɔ bɛba Yehowa nkyɛn abɛhwehwɛ ne papayɛ wɔ awieeɛ nna no mu.+