Hosea
3 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “San kɔdɔ ɔbaa waresɛefoɔ a damfo bi dɔ no,+ sɛdeɛ Yehowa dɔ Israelfoɔ+ berɛ a wɔdane kɔdi anyame foforɔ akyi+ na wɔdɔ bobe taterɛ no.”+
2 Enti mede nnwetɛbena dunum+ ne atokoɔ homar susukoraa baako ne fã kɔtɔɔ no. 3 Afei meka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛyɛ me dea nna pii.+ Mmɔ adwaman bio,+ na nkɔ ɔbarima foforɔ nkyɛn,+ na me nso me ne wo bɛtena.”
4 Na Israelfoɔ bɛtena hɔ nna bebree a wɔnni ɔhene+ anaa ɔberempɔn anaa afɔdeɛ+ anaa bosom dum anaa asɔfotadeɛ+ anaa terafim honi+ biara. 5 Afei Israelfoɔ bɛsan aba abɛhwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne wɔn hene Dawid;+ na wɔde ahopopoɔ bɛba Yehowa nkyɛn+ abɛhwehwɛ ne papayɛ, nna a ɛdi akyire no mu.+