Hosea
4 O Israelfoɔ, montie Yehowa asɛm, na Yehowa ne asase no sofoɔ anya asɛm,+ ɛfiri sɛ nokorɛ+ ne adɔeɛ ne Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.+ 2 Nnome+ ne nnaadaa+ ne awudie+ ne korɔno+ ne awaresɛeɛ+ adɔɔso, na wɔde mogyahwieguo atoatoa mogyahwieguo so.+ 3 Enti asase no bɛdi awerɛhoɔ,+ na ɛsotefoɔ ne wuram mmoa ne wiem nnomaa nyinaa bɛsɛe, na ɛpo mu mpataa nso bɛwuwu.+
4 “Nanso mma obi ne obi nnni asie,+ na mma obi nnka obi anim, ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ di asie.+ 5 Na wobɛsunti awia ketee,+ na odiyifoɔ ne wo bɛsunti te sɛ anadwo.+ Na mɛtwa wo maame afiri hɔ.+ 6 Me man bɛyera ɛfiri sɛ nimdeɛ abɔ wɔn.+ Na wo nso, nimdeɛ a woapoɔ nti,+ me nso mɛpo wo sɛ me sɔfoɔ;+ na ɛsiane sɛ wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti,+ me nso me werɛ bɛfiri wo mma.+ 7 Sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ no, saa ara na wɔyɛ me bɔne.+ Me ara m’animuonyam, wɔadane no ahohora.+ 8 Me man bɔne ho na wɔdidie, na wɔn amumuyɔ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.+
9 “Na deɛ ɛbɛto ɔman no ara na ɛbɛto ɔsɔfoɔ;+ na mɛma wɔabu wɔn akwan ho akonta+ na wɔn nneyɛɛ abua wɔn tiri so.+ 10 Wɔbɛdidi nanso wɔremmee,+ na wɔne mmaa bɛyɛ adapaadeɛ sɛ nnwamanfoɔ, nanso wɔn ase rentrɛ,+ ɛfiri sɛ wɔmmu Yehowa bio.+ 11 Adwamammɔ ne nsã ne nsã dɔkɔdɔkɔ sɛe adwempa.+ 12 Wɔn dua+ bosom nkyɛn na me man kɔ abisa,+ na wɔn poma kasa kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom ama wɔayera,+ na adwamammɔ ama wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase.+ 13 Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ so,+ na wɔma wɔn afɔrebɔdeɛ tu wisie wɔ nkokoɔ so,+ dupɔn ne duafufuo ne dua kɛseɛ ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ.+ Enti mo mma mmaa bɔ adwaman na mo nsenom sɛe awareɛ.
14 “Meremmu mo mma mmaa atɛn wɔn adwamammɔ ho, na meremmu mo nsenom atɛn wɔn awaresɛeɛ ho, ɛfiri sɛ mmarima no ne nnwamanfoɔ na ɛbɔ,+ na wɔne asɔrefie nnwamanfoɔ+ bɔ afɔdeɛ; enti wɔbɛtiatia ɔman a wɔnni nteaseɛ so.+ 15 O Israel, sɛ worebɔ w’adwaman a,+ hwɛ na woamma Yuda anni fɔ.+ Monnkɔ Gilgal+ na mommforo nnkɔ Bet-Awen,+ na monnka ntam sɛ, ‘Sɛ Yehowa te aseɛ yi!’+ 16 Israel adane otuatefoɔ sɛ nantwie a wasoro.+ Afei na Yehowa rebɛhwɛ wɔn te sɛ adwammaa wɔ baabi a ɛtrɛ anaa? 17 Efraim ne abosom na ɛbɔ.+ Enti monnyaa no!+ 18 Wɔanom wɔn nsã ama asa;+ afei wɔne mmaa bɛyɛ adapaadeɛ sɛ nnwamanfoɔ.+ N’akyɛm*+ pɛ animguasedeɛ.+ 19 Mframa de ne ntaban bɛhwim no akɔ.+ Na wɔn ani bɛwu wɔn afɔdeɛ ho.”+