Hosea
5 “Asɔfoɔ, montie;+ Israel fie, monhwɛ; ɔhene fiefoɔ,+ monyɛ aso, na mo so na atemmuo bɛba, ɛfiri sɛ moadane fidie+ wɔ Mispa, na moayɛ sɛ atena a wɔatrɛ mu agu Tabor so.+ 2 Akunkumakunkum* adi wɔn a wɔamane no ti,+ nanso metu wɔn nyinaa fo daa.+ 3 Menim Efraim,+ na Israel nso nhunta me.+ Nanso afei, Efraim, wo ne mmaa ayɛ adapaadeɛ sɛ nnwamanfoɔ,+ na Israel agu ne ho fĩ.+ 4 Wɔn nneyɛɛ mma wɔntumi nsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+ ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom+ wɔ wɔn mu, na wɔnnim Yehowa.+ 5 Afei Israel ahantan adi adanseɛ wɔ n’anim,+ na Israel ne Efraim bɔne ama wɔawatiri.+ Na Yuda nso awatiri te sɛ wɔn ara.+ 6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛɛ Yehowa, nanso wɔanhu no,+ ɛfiri sɛ na watwe ne ho afiri wɔn ho. 7 Wɔatwa Yehowa nkontompo,+ na wɔawowo mma ananafoɔ.+ Enti bosome baako bɛmene wɔne wɔn agyapadeɛ nyinaa.+
8 “Monhyɛne abɛn+ wɔ Gibea,+ monhyɛne totorobɛnto wɔ Rama! Monteam wɔ Bet-Awen;+ O Benyamin,+ ɛwɔ w’akyi! 9 O Efraim, da a wɔbɛka w’anim no,+ wobɛyɛ ahodwirideɛ. Mama Israel mmusuakuo ahunu wɔn ho nokwasɛm.+ 10 Yuda aberempɔn te sɛ wɔn a wɔtwe hyeɛ kɔ akyire;+ wɔn so na mɛhwie m’abufuo aguo te sɛ nsuo. 11 Wɔahyɛ Efraim so, na wɔabu no atɛn ama no abubu,+ ɛfiri sɛ wakɔdi ne tamfo akyi.+ 12 Na meyɛɛ sɛ nweweboaa+ maa Efraim ne porɔeɛ maa Yuda fie.
13 “Efraim hunuu ne yareɛ, na Yuda hunuu ne kuro.+ Na Efraim kɔɔ Asiria+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛseɛ bi nkyɛn.+ Nanso wantumi ansa mo yareɛ,+ na wannya mo kuro no ano aduro.+ 14 Na mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim+ ne gyatanini ama Yuda fie. Na me ara mɛtete wɔn mu na mede wɔn akɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.+ 15 Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea akɔsi sɛ wɔbɛsoa wɔn bɔne;+ na wɔbɛba abɛhwehwɛ me.+ Sɛ ɛkã wɔn ani a,+ wɔbɛhwehwɛ m’akyiri kwan.”+