Deuteronomium 19:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Sɛ wonya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na wo nsa ka w’agyapadeɛ a, mpia wo yɔnko hyeɛ+ a wo nananom ato dada wɔ asase no soɔ no. Deuteronomium 27:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Nnome nka deɛ ɔpia ne yɔnko hyeɛ kɔ akyire.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) Hiob 24:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ebinom piapia ahyeɛ;+Wɔhwim mmoakuo, na wɔyɛn wɔn. Mmebusɛm 22:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Mpiapia ɛhyeɛ a w’agyanom firi tete atwa ato hɔ no.+
14 “Sɛ wonya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na wo nsa ka w’agyapadeɛ a, mpia wo yɔnko hyeɛ+ a wo nananom ato dada wɔ asase no soɔ no.