Deuteronomium
27 Afei Mose ne Israel mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monhwɛ sɛ mobɛdi mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi mu biara soɔ.+ 2 Da a mobɛtwa Yordan+ akɔ asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no soɔ no, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ nsi hɔ na momfa akaadoo nka ho fitaa. 3 Sɛ motwa kɔduru hɔ a,+ montwerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so+ na moakɔtena asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so, sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ 4 Enti sɛdeɛ merehyɛ mo nnɛ yi no, sɛ motwa Yordan wie a, monhyehyɛ aboɔ yi nsi Bepɔ Ebal+ so, na momfa akaadoo nka ho fitaa.+ 5 Bio nso, fa aboɔ si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Yehowa wo Nyankopɔn. Mfa dadeɛ biara nka.+ 6 Fa aboɔ amuamu si afɔrebukyia ma Yehowa wo Nyankopɔn, na bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn wɔ so.+ 7 Afei bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ na di no wɔ hɔ,+ na gye w’ani wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 8 Na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu aboɔ no so,+ na ma emu nna hɔ.”+
9 Afei Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: “Israelfoɔ, monyɛ komm na montie. Ɛnnɛ moabɛyɛ Yehowa mo Nyankopɔn man.+ 10 Montie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na monni ne mmara nsɛm+ ne n’ahyɛdeɛ+ a mede rema mo nnɛ yi so.”
11 Saa da no, Mose toaa so ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: 12 “Sɛ motwa Yordan wie a, yeinom na wɔbɛgyina Bepɔ Gerisim+ so ahyira ɔman no: Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef, ne Benyamin. 13 Na yeinom nso na wɔbɛgyina Bepɔ Ebal+ so adome:+ Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan, ne Naftali. 14 Afei Lewifoɔ no mma wɔn nne so nka mma Israelni biara nte sɛ:+
15 “‘Nnome nka obiara a ɔyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔaguo,+ Yehowa akyiwadeɛ+ a odwumfoɔ de ne nsa ayɛ,+ a ɔde bɛsi kokoam.’ (Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ, ‘Amen!’)+
16 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛbu ne papa anaa ne maame animtia.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
17 “‘Nnome nka deɛ ɔpia ne yɔnko hyeɛ kɔ akyire.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
18 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛma onifirani ayera kwan.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
19 “‘Nnome nka deɛ ɔbu ɔhɔhoɔ,+ agyanka ne okunafoɔ+ atɛnkyea.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
20 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne papa yere bɛda, ɛfiri sɛ wayi ne papa nkataho.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
21 “‘Nnome nka deɛ ɔne aboa bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
22 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, ne papa anaa ne maame ba, bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
23 “‘Nnome nka deɛ ɔne n’asebaa bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
24 “‘Nnome nka deɛ ɔkɔtɛ baabi de adeɛ bɔ ne yɔnko ku no.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
25 “‘Nnome nka deɛ ɔgye adanmudeɛ kum ɔkra a ɔnni fɔ.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
26 “‘Nnome nka deɛ ɔremfa mmara yi nyɛ adwuma.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)