Exodus 20:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na wo nna aware asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.+ Leviticus 19:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “‘Obiara nsuro ne maame ne ne papa,+ na monni me homeda no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Deuteronomium 21:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔba tuatefoɔ a n’aso yɛ den,+ na ɔntie ne papa ne ne maame asɛm,+ na wɔtu no fo na ɔntie a,+ Deuteronomium 21:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Afei ne kurom mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu. Yɛ saa fa yi adebɔne firi wo mfimfini na Israelfoɔ nyinaa nte na wɔnsuro.+ Mmebusɛm 20:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame+ no, ne kanea bɛdum esum mu.+ Mmebusɛm 30:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Aniwa a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm tie animtia+ no—asuo ho kwaakwaadabi bɛtutu na ɔkɔdeɛ mma adi. Mateo 15:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Sɛ nhwɛsoɔ no, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei ‘Ma deɛ ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’+
18 “Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔba tuatefoɔ a n’aso yɛ den,+ na ɔntie ne papa ne ne maame asɛm,+ na wɔtu no fo na ɔntie a,+
21 Afei ne kurom mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu. Yɛ saa fa yi adebɔne firi wo mfimfini na Israelfoɔ nyinaa nte na wɔnsuro.+
17 Aniwa a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm tie animtia+ no—asuo ho kwaakwaadabi bɛtutu na ɔkɔdeɛ mma adi.
4 Sɛ nhwɛsoɔ no, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei ‘Ma deɛ ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’+