Deuteronomium 8:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na wonim w’akomam sɛ Yehowa tenee wo so sɛdeɛ agya tene ne ba soɔ.+ Mmebusɛm 13:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Deɛ ɔkora n’abaa tan ne ba,+ na deɛ ɔdɔ no no, ɔhwɛ tene ne so.+ Mmebusɛm 19:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Anidasoɔ wɔ hɔ yi, tea wo ba;+ mma ne wuo nnyɛ wo akɔnnɔ.+ Mmebusɛm 23:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Mfa ntenesoɔ nkame abɔfra.+ Sɛ wode abaa hwe no a, ɔrenwu. Hebrifoɔ 12:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Bio nso, na yɛwɔ agyanom a wɔyɛ honam te sɛ yɛn a na wɔtwe yɛn aso,+ na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn honhom mu Agya no ase nkyɛn saa na yɛanya nkwa?+
9 Bio nso, na yɛwɔ agyanom a wɔyɛ honam te sɛ yɛn a na wɔtwe yɛn aso,+ na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn honhom mu Agya no ase nkyɛn saa na yɛanya nkwa?+