Mmebusɛm 13:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Deɛ ɔkora n’abaa tan ne ba,+ na deɛ ɔdɔ no no, ɔhwɛ tene ne so.+ Mmebusɛm 19:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Anidasoɔ wɔ hɔ yi, tea wo ba;+ mma ne wuo nnyɛ wo akɔnnɔ.+ Mmebusɛm 29:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Abaa ne kasakyerɛ na ɛma nyansa,+ na ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwuo.+ Mmebusɛm 29:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Hwe wo ba, na ɔbɛma woahome, na wo kra anya anigyeɛ bebree.+ Efesofoɔ 6:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometeɛ,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn+ Yehowa ntenesoɔ+ ne nyansakyerɛ+ mu.
4 Na mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometeɛ,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn+ Yehowa ntenesoɔ+ ne nyansakyerɛ+ mu.