Deuteronomium 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 na fa dua wo ba+ akomam na ka ho asɛm berɛ a wote wo fie, berɛ a wonam kwan soɔ, berɛ a woda hɔ,+ ne berɛ a woasɔreɛ. Mmebusɛm 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 ɛfiri sɛ deɛ Yehowa dɔ no na ɔka n’anim,+ sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm+ no. Mmebusɛm 19:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Anidasoɔ wɔ hɔ yi, tea wo ba;+ mma ne wuo nnyɛ wo akɔnnɔ.+ Mmebusɛm 22:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho;+ ntenesoɔ abaa na ɛbɛyi afiri ne ho akɔ akyirikyiri.+ Mmebusɛm 23:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Fa abaa hwe no, na woagye ne kra afiri Adamena* mu.+ Efesofoɔ 6:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometeɛ,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn+ Yehowa ntenesoɔ+ ne nyansakyerɛ+ mu. Hebrifoɔ 12:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 na deɛ Yehowa dɔ no na ɔtene ne soɔ; nokorɛm no, obiara a ɔgye no sɛ ɔba no, ɔhwe no.”+
7 na fa dua wo ba+ akomam na ka ho asɛm berɛ a wote wo fie, berɛ a wonam kwan soɔ, berɛ a woda hɔ,+ ne berɛ a woasɔreɛ.
4 Na mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometeɛ,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn+ Yehowa ntenesoɔ+ ne nyansakyerɛ+ mu.