Leviticus
19 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Monyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.+
3 “‘Obiara nsuro ne maame ne ne papa,+ na monni me homeda no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 4 Monnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dadeɛ anyame biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.
5 “‘Sɛ morebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Yehowa+ a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.+ 6 Da a mobɔ afɔdeɛ no anaa n’adekyeeɛ no ara monni, na sɛ ebi ka ma no di nnansa a, momfa gya nhye.+ 7 Sɛ ɛdi nnansa na obi di a, ɛyɛ atantanneɛ.+ Nhyira biara nnim.+ 8 Na deɛ ɔbɛdie no bɛsoa ne bɔne,+ ɛfiri sɛ wagu Yehowa akronkronneɛ ho fĩ. Wɔbɛtwa ɔkra a ɔte saa no afiri ne man mu.
9 “‘Sɛ moretwa mo asase so nnɔbaeɛ a, monntwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa, na motwa wie nso a, monnsesa deɛ aka aseɛ no.+ 10 Na wotwa wo bobeturo mu aba nso a, ɛnsɛ sɛ wosesa deɛ aka aseɛ+ anaa deɛ agugu fam no. Gya ma wɔn a ahia wɔn ne ahɔhoɔ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.
11 “‘Mommmɔ korɔno,+ monnnaadaa+ obiara, na monntwa mo yɔnko nkontompo.+ 12 Mommfa me din nnka ntanhunu+ na moangu mo Nyankopɔn din ho fĩ. Mene Yehowa. 13 Nsisi wo yɔnko,+ na mmɔ no apoo.+ Mfa ɔpaani akatua nto wo ho mma adeɛ nkye so.+
14 “‘Nnome ɔsotifoɔ, na mfa biribi nto baabi a onifirani nam.+ Suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na monnni mmma onipa titire.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
16 “‘Nkyinkyini nsɛe wo yɔnko din.+ Na nhwehwɛ wo yɔnko mogya.+ Mene Yehowa.
17 “‘Nnya wo nua ho tan w’akomam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi.
18 “‘Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua ne so ka,+ na nnya wo nkurɔfoɔ mma ho menasepɔ.+ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa.
19 “‘Monni m’ahyɛdeɛ yi so: Mommma mo nyɛmmoa a ɛsono wɔn mu biara mmforo wɔn ho. Monnnua aba mmienu a ɛsono emu biara afuo baako mu,+ na monnhyɛ atadeɛ a wɔde ntoma ahodoɔ mmienu afra anwene.+
20 “‘Sɛ ɔbarima bi ne ɔbaa a wɔde no ama ɔbarima foforɔ da ma ne ho nsuo ka no na ɔbaa no yɛ afenaa a wɔntɔɔ no mfirii nkoasom mu na ɔnnee ne ho a, wɔmfa ho asotwe mma. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔku wɔn, ɛfiri sɛ ɔbaa no nnee ne ho. 21 Ɔbarima no mfa odwennini mmrɛ Yehowa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano mma wɔmfa mmɔ asodie afɔdeɛ.+ 22 Ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no mmɔ asodie afɔdeɛ wɔ Yehowa anim mfa mpata mma no, na wɔde bɔne a wayɛ no bɛfiri no.+
23 “‘Sɛ moduru asase no so na motɛ dua bi a mobɛdi so aba a, mommu dua no sɛ ɛho nte te sɛ deɛ wɔntwaa no twetia. Enti ɛbɛsi hɔ mfeɛ mmiɛnsa sɛ adeɛ a wɔntwaa no twetia. Ɛnsɛ sɛ modi bie. 24 Nanso afe a ɛtɔ so nnan no, dua no so aba nyinaa+ bɛyɛ akronkronneɛ a mode bɛhyɛ fã ama Yehowa.+ 25 Afei afe a ɛtɔ so nnum no, monni bi na n’aba mmu so mma mo.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.
26 “‘Mommfa mogya nnka biribiara ho nnni.+
“‘Monnhwehwɛ hyɛberɛ ho sɛnkyerɛnne,+ na monnni asumansɛm.+
27 “‘Monnyi mo tiri ano kurukuruwa, na monnsɛe mo abɔdwesɛ ano.+
28 “‘Monntwitwa mo ho akam mmma ɔkra a wawuo,+ na monntwitwa mo honam nnyɛ ahyɛnsodeɛ. Mene Yehowa.
29 “‘Mommma mo mma mmaa nnnane nnwamanfoɔ+ mmfa nngu wɔn ho fĩ. Monnyɛ saa na asase no ammɔ adwaman na brabɔne anhyɛ so mã.+
30 “‘Monhwɛ sɛ mobɛdi me homeda,+ na monsuro me kronkronbea no nni no ni.+ Mene Yehowa.
31 “‘Monnkɔ adebisafoɔ+ anaa asumanfoɔ+ nkyɛn mmfa wɔn nngu mo ho fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.
32 “‘Sɔre wɔ dwono anim,+ na di akɔkoraa ni,+ na suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.
33 “‘Sɛ hɔhoɔ bɛsoɛ mo asase so a, monntan n’ani.+ 34 Mommu ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no sɛ kuromanni, na monnɔ no sɛ mo ho,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ Egypt asase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.
35 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea.+ Na sɛ moresusu biribi oo, morekari+ oo, morehyɛ oo, monntwa mu nkontompo. 36 Momfa nsania ne nkariboɔ ne efa ne hin a ɛtene nsusu adeɛ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo firi Egypt asase so baeɛ no. 37 Enti monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm nyinaa so, na monyɛ deɛ maka nyinaa.+ Mene Yehowa.’”