Dwom 141:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Sɛ ɔteneneeni bɔ me a, ɛbɛyɛ adɔeɛ ama me;+Sɛ ɔka m’anim a, ɛbɛyɛ sɛ ngo wɔ me tiri so,+Na me tiri rempo.+Wɔn ahohia mu mpo, mɛbɔ mpaeɛ ama wɔn.+ Mmebusɛm 9:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nka ɔfɛdifoɔ anim, na wantan wo.+ Kasa kyerɛ onyansafoɔ, na ɔbɛdɔ wo.+ Mateo 18:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Bio nso, sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, kɔda ne mfomsoɔ adi kyerɛ no wo ne ɔno nko ara ntam.+ Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.+ Galatifoɔ 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nanso, berɛ a Kefa+ baa Antiokia+ no, meka sii n’anim sɛ wayɛ biribi a ɛmfa kwan mu.+ 1 Timoteo 5:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Wɔn a wɔte bɔne+ mu no, yi wɔn ntɛn+ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ama wɔn a aka no nso asuro.+ Tito 1:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Saa adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Yei nti kɔ so yi wɔn ntɛn dendeenden,+ na wɔayɛ nnipa a wɔyɛ den+ wɔ gyidie no mu,
5 Sɛ ɔteneneeni bɔ me a, ɛbɛyɛ adɔeɛ ama me;+Sɛ ɔka m’anim a, ɛbɛyɛ sɛ ngo wɔ me tiri so,+Na me tiri rempo.+Wɔn ahohia mu mpo, mɛbɔ mpaeɛ ama wɔn.+
15 “Bio nso, sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, kɔda ne mfomsoɔ adi kyerɛ no wo ne ɔno nko ara ntam.+ Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.+
13 Saa adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Yei nti kɔ so yi wɔn ntɛn dendeenden,+ na wɔayɛ nnipa a wɔyɛ den+ wɔ gyidie no mu,