Leviticus 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Nnya wo nua ho tan w’akomam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. Mmebusɛm 25:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Asɛm a ɛwɔ wo ne wo yɔnko ntam+ no, wo ne no nni, na nyi obi ahuntasɛm adi,+ Luka 17:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Momma mo ani mmra mo ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim,+ na sɛ ɔnu ne ho a fa firi no.+