11 Na afe a ɛtɔ so nson no, nnɔ so, gya ma no nna hɔ kwa.+ Ma ahiafoɔ nnidi asase no so, na deɛ wɔbɛgya ama no aka no, wuram mmoa nni.+ Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne ngodua turo.
22 “‘Sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, ɛnsɛ sɛ motwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa, na motwa wie nso a, ɛnsɛ sɛ mosesa deɛ aka aseɛ no.+ Monnya mma wɔn a ahia wɔn+ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”
19 “Sɛ wotwa w’afuo mu nnɔbaeɛ+ na wogya nnɔbaeɛ a wɔakyekyere no bi wɔ hɔ a, nsan nkɔfa. Gya ma ɔhɔhoɔ ne agyanka ne okunafoɔ+ na Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+